Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 2:5 - KYERƐW KRONKRON

5 na misee ɔhene no sɛ: Sɛ eye ɔhene ani so, na sɛ w’akoa anya w’anim dom a, anka woasoma me Yuda ma makɔ m’agyanom adamoa kurow no mu makɔkyekye bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 na mesee ɔhene no sɛ: Sɛ ɛyɛ ɔhene ani sɔ, na sɛ w’akoa anya w’anim adom a, anka woasoma me Yuda, ama makɔ m’agyanom adamena kuro no mu makɔkyekyere bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 buae se, “Sɛ ɛsɔ Ɔhempɔn ani, na sɛ me, wo somfo, mesɔ wʼani a, ɛno de ma menkɔ Yuda nkosiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom wɔ mu no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 na mesee ɔhene no sɛ: Sɛ ɛyɛ ɔhene anisɔ, na sɛ w’akoa anya w’anim adom a, anka woasoma me Yuda, ama makɔ m’agyanom adamena kuro no mu makɔkyekyere bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 buaa sɛ, “Sɛ ɛsɔ Ɔhene Kɛseɛ ani, na sɛ me, wo ɔsomfoɔ, mesɔ wʼani a, ɛnneɛ ma menkɔ Yuda nkɔsiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom wɔ mu no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 na misee ɔhene no sɛ: Sɛ eye ɔhene ani so, na sɛ w’akoa anya w’anim dom a, anka woasoma me Yuda ma makɔ m’agyanom adamoa kurow no mu makɔkyekye bio.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 2:5
12 Referencias Cruzadas  

Na Yoab de n’anim butuw fam, kotowee na ohyiraa ɔhene. Na Yoab kae sɛ: Ɛnnɛ na w’akoa ahu sɛ manya me wura ɔhene anim anuonyam, sɛ ɔhene ayɛ nea n’akoa aka akyerɛ no.


Na afei, sɛ eye ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ ɔhene adekora fi a ɛwɔ Babel no mu, sɛ ɛwom sɛ ɔhene Kores na ɔhyɛe sɛ wonsi Onyankopɔn dan yi Yerusalem anaa, na ɔnsoma mma wɔmmɛka ɔhene adwene eyi ho nkyerɛ yɛn.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae,


Na ɔhene ne ɔhemmea a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ: Wo kɔ no bɛkyɛ akosi da bɛn, na da bɛn na wobɛsan aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ obegya me kwan; na mehyɛɛ no da.


Ɛnna wubenya ɔdom ne nimdeɛ pa, Onyankopɔn ne nnipa anim.


Munnue, mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mote sɛ ɔda a wɔaka ho, a ɛho a wohu no yɛ fɛ, na emu de, afunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ no ma.


Na ɔkae sɛ: Me wura, ma menkɔ so ara nya w'anim adom, efisɛ woakyekye me werɛ, na woaka w’abaawa asomdwoesɛm, nso mente sɛ wo mmaawa yi mu biara po.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios