Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 11:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔmantam no so atitiriw a wɔtenaa Yerusalem no ni: Nso Yuda nkurow no mu de, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapade so wɔn nkurow mu: Israel, asɔfo ne Lewifo ne nsɔfokwaa ne Solomon nkoa mma no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔmantam no so atitire a wɔtenaa Yerusalem no nie: Nso Yuda nkuro no mu deɛ, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu. Israel yɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nsɔfokwaa ne Salomo nkoa mma no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Amantam mu mpanyimfo a wɔbaa Yerusalem no din na wɔakyerɛw wɔ ha yi. Ɔmanfo no mu fa kɛse a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afi mu wɔ Yuda nkurow ahorow so,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔmantam no so atitire a wɔtenaa Yerusalem no nie: Nso Yuda nkuro no mu deɛ, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu. Israel yɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nsɔfokwaa ne Salomo nkoa mma no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Amantam mu mpanimfoɔ a wɔbaa Yerusalem no din na wɔatwerɛ wɔ ha yi. Ɔmanfoɔ no mu fa kɛseɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afie mu wɔ Yuda nkuro ahodoɔ so,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔmantam no so atitiriw a wɔtenaa Yerusalem no ni: Nso Yuda nkurow no mu de, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapade so wɔn nkurow mu: Israel, asɔfo ne Lewifo ne nsɔfokwaa ne Solomon nkoa mma no.

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 11:3
14 Referencias Cruzadas  

Na eyinom ne Yuda asase no sofo a wofi nnommum a Babel hene Nebukadnesar tutuu wɔn kɔɔ mu wɔ Babel no, wɔsan baa Yerusalem ne Yuda, na wɔkokɔɔ wɔn nkurow mu.


Nsɔfokwaa: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma,


Na asɔfo no ne Lewifo no ne ɔman no mu binom, ne nnwontofo no ne aponanohwɛfo no ne nsɔfokwaa no bɛtenatenaa Yerusalem ne ɛho nkurow mu, na Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkurow mu.


Na Israel nkae no, asɔfo no, Lewifo no wɔ Yuda nkurow mu tete wɔn agyapade so.


Na Yerusalem de, Yuda mma no bi ne Benyamin mma no bi tenaa hɔ. Yuda mma no mu: Usia ba Ataia, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel ba a ofi Peres mma no mu;


Asɔfo no: Yedaia mma, Yesua fi de: Ahankron aduɔsɔn abiɛsa.


Lewifo: Yesua mma, Kadmiel de, Hodewa mma de: Aduɔsɔn anan.


Nsɔfokwaa: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma,


Eyinom ne ɔmantam no mufo a wofi nnommum a, Babel hene Nebukadnesar de wɔn kɔe no mu foro bae na wɔsan baa Yerusalem ne Yuda kokɔɔ wɔn nkurow mu


a wɔne Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana bae no. Israel man mu mmarima dodow ni:


Na asɔfo ne Lewifo ne aponanohwɛfo ne nnwontofo no ne ɔman no mu bi ne nsɔfokwaa no ne Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkurow mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios