Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nehemia 10:28 - KYERƐW KRONKRON

28 Na ɔman no nkae, asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, nsɔfokwaa ne wɔn a wɔtew wɔn ho fii nsaase so aman ho baa Onyankopɔn mmara ho no, wɔn yerenom, wɔn mmammarima ne wɔn mmabea, animdefo ne nhumufo nyinaa,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

28 Na ɔman no nkaeɛ, asɔfoɔ, Lewifoɔ, apono ano ahwɛfoɔ, nnwontofoɔ, nsɔfokwaa ne wɔn a wɔtee wɔn ho firii nsase no so aman ho baa Nyankopɔn mmara ho no, wɔn yerenom, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa, animdefoɔ ne nhunumufoɔ nyinaa,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 “Nnipa no nkae a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afi abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛnea wɔbɛsom Nyankopɔn, na wɔanyinyin a wɔte asɛm ase no,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

28 Na ɔman no nkaeɛ, asɔfoɔ, Lewifoɔ, apono ano ahwɛfoɔ, nnwontofoɔ, nsɔfokwaa ne wɔn a wɔtee wɔn ho firii nsase no so aman ho baa Nyankopɔn mmara ho no, wɔn yerenom, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa, animdefoɔ ne nhunumufoɔ nyinaa,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 “Nnipa no nkaeɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛdeɛ wɔbɛsom Onyankopɔn, na wɔanyinyini a wɔte asɛm ase no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 Na ɔman no nkae, asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, nsɔfokwaa ne wɔn a wɔtew wɔn ho fii nsaase so aman ho baa Onyankopɔn mmara ho no, wɔn yerenom, wɔn mmammarima ne wɔn mmabea, animdefo ne nhumufo nyinaa,

Ver Capítulo Copiar




Nehemia 10:28
16 Referencias Cruzadas  

Na asɔfo no ne Lewifo no ne ɔman no mu binom, ne nnwontofo no ne aponanohwɛfo no ne nsɔfokwaa no bɛtenatenaa Yerusalem ne ɛho nkurow mu, na Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkurow mu.


Na Israelfo a wofi otukɔ mu bae no ne wɔn a wɔatew wɔn ho afi asase no so amanaman no afide ho aba wɔn nkyɛn abɛhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no dii Twam guan no,


Maluk, Harim, Baana.


Na wɔtee mmara no no, woyiyii amamfrafo nyinaa fii Israel.


Na ɔsɔfo Esra de mmara no baa bagua a mmarima ne mmea ne obiara a obetumi atie ate ase no wɔ mu no anim, ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan.


Na Israelfo no tew wɔn ho fii ananafo mma nyinaa ho, na wogyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumɔyɛ no.


Na Onyankopɔn ne asase nyinaa so hene, mommɔ sanku nto nnwenho dwom.


Mma w’ano nnyɛ birebire, na wo koma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi, Onyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo de, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.


na ka AWURADE teasefo ho ntam nokware mu, atemmu ne trenee mu, na amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu, na ɔno mu wɔahyehye wɔn ho.


na mise mo sɛ: Mo na munni wɔn asase so, na mede mema mo sɛ momfa, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mayi mo afi amanaman mu no.


Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafo na wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn asɛmpa


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios