Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nahum 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 AWURADE bo kyɛ fuw, na n’ahoɔden so, na ɔremmu ɔbɔnefo bem ara da. AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ, na amununkum yɛ ne nan ase mfutuma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 AWURADE bo kyɛre fu, na n’ahoɔden so, na ɔremmu fɔdifoɔ bem ara da. AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ, na mununkum yɛ ne nan ase mfuturo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Awurade bo kyɛ fuw, na ne tumi so, na ɔtwe ɔfɔdifo aso. Ne kwan wɔ mfɛtɛ ne ahum mu, omununkum yɛ nʼanan ase mfutuma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 AWURADE bo kyɛre fu, na n’ahoɔden so, na ɔremmu fɔdifoɔ bem ara da. AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ, na mununkum yɛ ne nan ase mfuturo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Awurade bo kyɛre fu, na ne tumi so, na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso. Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu, omununkum yɛ ne nan ase mfuturo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 AWURADE bo kyɛ fuw, na n’ahoɔden so, na ɔremmu ɔbɔnefo bem ara da. AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ, na amununkum yɛ ne nan ase mfutuma.

Ver Capítulo Copiar




Nahum 1:3
33 Referencias Cruzadas  

Okuntun ɔsoro na odurui, na esum kabii wɔ ne nan ase.


Na wɔampɛ sɛ wotie, na wɔankae w’anwonwade a woyɛe wɔn mu no, na wosinsen wɔn kɔn, na wosii wɔn so panyin sɛ wɔresan akɔ Misraim wɔn anyadi no mu, wɔn atuatew no mu. Na wone fakyɛ Nyankopɔn, ɔdomfo ne mmɔborohunufo, woyɛ abufuw mu nyaa, na w’adɔe dɔɔso, na woannyaw wɔn.


Sɛ meyɛ bɔne a, wobɛhwɛ me, na woremmu me bem me mfomso ho.


Na AWURADE fi ahum no mu buaa Hiob sɛ:


Koma mu nyansafo ne tumi mu hoɔdenfo no, hena na wasen ne kɔn wɔ ne so na asi no yiye?


Mmɔborohunufo ne ɔdomfo ne AWURADE, ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe dɔɔso.


wode wo mpia sɛm nsu so, wode amununkum yɛ wo teaseɛnam, wode mframa ntaban nenam.


AWURADE yɛ ɔdomfo ne mmɔborohunufo, abufuwyɛ mu nyaa ne adɔeyɛ mu kɛse.


Yɛn Awurade so, na ne tumi dɔɔso, ne nhumu nni anobu.


Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrenyɛ komm. Ogya di n’anim rehyew ade, na ahum atu huu atwa ne ho ahyia.


Onyankopɔn akasa pɛnkoro, mprenu na mate: Sɛ tumi yɛ Onyankopɔn dea,


Munse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛse nti w’atamfo bɛkotow wo.


Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum harehare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuw ho bɛpopo n’anim, na Misraim koma anan wɔ ne mu.


Asafo AWURADE bɛba abɛhwɛ wo, ɔde ɔprannaa ne asasewosow ne gyegyeegye kɛse, kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade na ɛbɛba.


Na hwɛ, AWURADE de ogya ne ne nteaseɛnam a ɛte sɛ ahum bɛba de abufuhyew abetua n’abufuw so ka, na ɔde gyaframa ayɛ n’ateɛteɛ.


Hwɛ, ɔreforo aba sɛ amununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a edi kyinhyia. N’apɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre. Yennue! Na yɛawie ɔsɛe.


Na mframa na wogu, na ahum nso na wobetwa; awi a egyina hɔ nni mu; nea efifi no, wɔyam a, wonnya mu siam; sɛ ebi wɔ mu po a, ahɔho na wobedi.


Munsunsuane mo koma, na ɛnyɛ mo ntade mu, na monsan mmra AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn, na ɔyɛ ɔdomfo ne mmɔborohunufo, ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe so, na ɔsakra n’adwene adebɔne ho.


Na obisaa sɛ: Ao, AWURADE! So ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase so no mekae ni? Eyi ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ mereguan makɔ Tarsis, efisɛ minim sɛ wo de, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfo ne mmɔborohunufo, wo bo kyɛ fuw na w’adɔe dɔɔso, na wosakra w’adwene wɔ mmusu a wode reba ho.


Na Awurade beyi ne ho adi wɔn so, na n’agyan afi adi sɛ ɔsraman; na Awurade Nyankopɔn bɛhyɛn torobɛnto, na wanantew ahum a etutu anafo fam mu.


AWURADE yɛ abufuw mu nyaa na n'adɔe dɔɔso: Ɔde amumɔyɛ ne mmarato kyɛ, nanso ommu nea odi fɔ no kumfɔ; na otua agyanom amumɔyɛ so ka de fa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan so.


Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mise mo sɛ, efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte nea ɔwɔ tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum so.


Me nuanom adɔfo, munim eyi. Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw;


Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no peaw no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho abubuw. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios