Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mmebusɛm 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa anitew, aberante nso nimdeɛ ne adwempa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa aniteɛ, aberanteɛ nso nimdeɛ ne adwempa:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 sɛ ɛbɛma nea nʼadwene mu nnɔ anya nyansa na mmabun anya nimdeɛ ne adwene,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa aniteɛ, aberanteɛ nso nimdeɛ ne adwempa:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 sɛ ɛbɛma deɛ nʼadwene mu nnɔ anya nyansa na mmabunu anya nimdeɛ ne adwene.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa anitew, aberante nso nimdeɛ ne adwempa.

Ver Capítulo Copiar




Mmebusɛm 1:4
19 Referencias Cruzadas  

Mo, ntetekwaa, momma mo ani ntew, na mo, nkwasea, munnya nhumu koma.


Me de, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.


Ɛdɛn na aberante de bɛtew ne kwan ho? Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea wo nsɛm se.


Na afei, mma, muntie me, na nhyira ne wɔn a wodi m’akwan so.


Me, nyansa, me ne anitew na ɛte, na adwempa ne nimdeɛ na mihu.


Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwasea hu nyansa.


Mmerante nso saa ara na tu wɔn fo, na wonnwen adwempa.


Guan fi mmaabun bere mu akɔnnɔ ho, na di trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma a emu tew mu frɛ Awurade bom no akyi.


Na ɔtempɔn ne ɔkwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no ɔkwan kronkron; nea ne ho ntew remfa so, na Onyame nkurɔfo na wɔde bɛma wɔn; ɔkwantuni biara, nkwaseafo mpo remfom kwan wɔ mu.


Me ba, fa nyansahu ne adwempa sie, na mma ɛnnan mmfi w’ani so,


Mma, mommra, monyɛ aso mma me! Mɛkyerɛ mo AWURADE suro.


AWURADE mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. AWURADE adanse atim, ɛma awiɛmfo hu nyansa.


Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu, na fa wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu, nso hu sɛ eyinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmu.


AWURADE hwɛ ayemfo, miguroe, na ogyee me nkwa.


Enti munni so na monyɛ, efisɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhumu, aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafo ne nhumufo ne ɔman kɛse yi!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios