Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 9:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Obi mfa ɔtam foforo sin ntaa atade dedaw mu; efisɛ ntaamu no yi fi atade no mu a, ntetewee no yɛ kɛse.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu; ɛfiri sɛ ntɛmu no yi firi atadeɛ no mu a, nteteeɛ no yɛ kɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Hena na ɔde ntama foforo bɛtare ntama dedaw mu? Saa ntaremu no besunsuan dedaw no mu ama tokuru kɛse abɛda hɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu; ɛfiri sɛ ntɛmu no yi firi atadeɛ no mu a, nteteeɛ no yɛ kɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Hwan na ɔde ntoma foforɔ bɛtare ntoma dada mu? Saa ntaremu no bɛsuane dada no mu ama tokuro kɛseɛ abɛda hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Obi mfa ɔtam foforo sin ntaa atade dedaw mu; efisɛ ntaamu no yi fi atade no mu a, ntetewee no yɛ kɛse.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 9:16
11 Referencias Cruzadas  

Enti ma me wura ntwam nni n'akoa kan, na me de, mɛnantew brɛoo, sɛnea mmoa a wodi m'anim ne mma no betumi, de akosi sɛ medu me wura nkyɛn wɔ Seir.


Na bɔne ahempoma rentena treneefo asase so, na treneefo anteɛ wɔn nsa anso amumɔyɛ mu.


Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforokunu ne ayeforo asefo no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ ahow? Na nna bi bɛba a wobeyi ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wobedi mmuada.


Nanso wɔmfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, nkotoku no bɛpaepae, na nsa no ahwie agu, na kotoku no asɛe. Na wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu, na n’abien nyinaa ayɛ yiye.


Obi mfa ntama foforo sin ntaa atade dedaw mu; anyɛ saa a, ntaamu no tew fi mu, foforo no befi dedaw no mu, na ntetewee no ayɛ kɛse.


Na obuu bɛ yi nso kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi mfa ntama foforo sin ntare ntama dedaw mu; ɔyɛ saa a, foforo no betu, efisɛ nea otwa fii foforo no mu no ne dedaw no nsɛ.


Mewɔ nsɛm pii bio meka mekyerɛ mo, nanso muntumi nsoa mprempren.


Na afei gyidi, anidaso, ɔdɔ, ade abiɛsa yi na ɛtena hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛse.


Efisɛ ɔsom yi ho adwuma de, ɛnyɛ sɛ wɔde bɛyɛ nea ehia ahotefo no nko ara, na mmom ɛnam aseda beberee a wɔde da Onyankopɔn no so bɛboro so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios