Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 8:25 - KYERƐW KRONKRON

25 Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Nʼasuafo no de nteɛteɛmu kɔɔ ne nkyɛn, konyan no kae se, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Nʼasuafoɔ no de nteateamu kɔɔ ne nkyɛn, kɔnyanee no kaa sɛ, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 8:25
11 Referencias Cruzadas  

Na Asa frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn sɛ: AWURADE, ɛnyɛ ade bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wonni tumi: Boa yɛn, AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wo na yetweri wo, na wo din mu na yɛnam kɔ nnipa kuw yi so. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdesani nnnya wo so ahoɔden.


Yɛn Nyankopɔn, so woremmu wɔn atɛn? Na yenni tumi a yɛde regyina dɔm bebree yi a wɔreba yɛn so yi anim. Na yɛn de, yennim nea yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da.


AWURADE, adɛn nti na wugyina akyirikyiri, na wode wo ho hintaw ahokyere bere mu?


Ɛnna hyɛn mu panyin no kɔɔ Yona nkyɛn, na obisaa no sɛ: Wokyerɛ dɛn nti na woda hatee sɛɛ? Sɔre su frɛ wo nyame, sɛ ebia obedwen yɛn ho na yɛantotɔ wɔ ha.


Na hwɛ, ɔkwatani bi bae bɛkotow no kae sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.


Na hwɛ, ahum kɛse bi tui ɛpo no so, na ɛmaa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so; na ɔno de, na wada.


Ɔreka eyinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanyin biako bi bae bɛkotow sɔree no kae sɛ: Sesɛɛ me babea awu, na bra, na fa wo nsa bɛto no so, na obenya nkwa.


Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Owura, owura, yɛreyera! Na ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne nsu a ɛworo so no; na egyae yɛɛ dinn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios