Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 7:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Monhyɛne ɔpono teateaa no mu; na ɔpono a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛ no ne deɛ ɛkɔ ɔsɛeɛ mu no, na wɔn a wɔhyɛne mu no dɔɔso.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 “Ɔkwan teateaa no nko ara so na wubetumi afa akɔ ɔsoro! Ɔkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛw, na nʼapon nso mu bae ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛe mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Monhyɛne ɔpono teateaa no mu; na ɔpono a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛ no ne deɛ ɛkɔ ɔsɛeɛ mu no, na wɔn a wɔhyɛne mu no dɔɔso.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 “Ɛkwan teateaa no nko ara so na wobɛtumi afa akɔ ɔsoro! Ɛkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛ, na nʼapono nso mu baeɛ ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛeɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 7:13
38 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn huu asase, na hwɛ, asɛe, efisɛ nnipa nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asase so.


Na AWURADE hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan.


ne fi ne asamando kwan, esan kɔ owu mpia mu.


Munnyaw ntetekwaa na munnya nkwa, na monnantew nhumu kwan so.


Sɛ asafo AWURADE annyaw yɛn nkae ketewaa bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadan sɛ Gomora.


Na ɔtempɔn ne ɔkwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no ɔkwan kronkron; nea ne ho ntew remfa so, na Onyame nkurɔfo na wɔde bɛma wɔn; ɔkwantuni biara, nkwaseafo mpo remfom kwan wɔ mu.


Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, ma wɔnsan mmra AWURADE nkyɛn na ne yam bɛhyehye no ama wɔn, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne kyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu!


Na eyinom befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.


Ɛnne monsow aba a ɛfata adwensakra.


Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.


Saa ara nso na mo mu biara a onnyaw nea ɔwɔ nyinaa ntumi nyɛ me suani.


Na ɛbae sɛ wɔrefi ne nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, eye sɛ yɛtena ha, na ma yɛmmɔ asese abiɛsa, wo de biako, Mose de biako, na Elia de biako; efisɛ na onnim nea ɔreka.


Mene ɔpon no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wobegye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na obefi adi, na obenya adidibea.


Yesu see no sɛ: Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne,


Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’abufuw adi, na ɔma wohu ne tumidi, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no mu,


wɔn mu na wiase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.


Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho mfi wɔn mu, Awurade na ose, na monnka nea ɛyɛ fi; na me nso magye mo,


Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu de abɔ ɔhonam ne ne nhyɛsode ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu.


wɔn na wɔn awiei ne ɔsɛe, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn anuonyam wɔ wɔn aniwu mu, na asase so nneɛma ho na wodwen.


Yenim sɛ, yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa hyɛ ɔbɔnefo no tumi ase.


Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.


Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛkotow no, wɔn a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din oguammaa a wokum no no nkwa nhoma mu no.


Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔakyerɛw ne din nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.


na ɔtow no kyenee bun no mu, na ɔtoo mu, na ɔsɔɔ ano, na wankɔdaadaa amanaman bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa; nanso ɛno akyi no, etwa sɛ wogyaa no kakra.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios