Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 6:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na sɛ morebɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no; na wɔpɛ sɛ wogyina hyiadan mu ne mmɔnten twea so bɔ mpae, na nnipa ahu wɔn. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnyɛ sɛ nyaatwomfoɔ no; na wɔpɛ sɛ wɔgyina hyia adan mu, ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, na nnipa ahu wɔn. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Na sɛ morebɔ mpae a, mommmɔ mpae sɛnea nyaatwomfo gyina asɔredan mu ne mmɔnten so bɔ mpae de pɛ nnipa anim anuonyam no. Merema moate ase sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnyɛ sɛ nyaatwomfoɔ no; na wɔpɛ sɛ wɔgyina hyia adan mu, ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, na nnipa ahu wɔn. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Ɛfa mpaeɛbɔ ho nso, sɛ morebɔ mpaeɛ a, mommmɔ mpaeɛ sɛdeɛ nyaatwomfoɔ gyina asɔredan mu ne mmɔntene so bɔ mpaeɛ de pɛ nnipa anim animuonyam no. Merema mo ate aseɛ sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na sɛ morebɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no; na wɔpɛ sɛ wogyina hyiadan mu ne mmɔnten twea so bɔ mpae, na nnipa ahu wɔn. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 6:5
34 Referencias Cruzadas  

Tie me nteɛm, me hene ne me Nyankopɔn, na wo na mɛbɔ wo mpae.


Anadwofa ne anɔpa ne owigyinae na medwen me tirim na masi apini, na ɔbɛte me nne.


Abɔnefo afɔre yɛ AWURADE akyide, na teefo mpaebɔ yɛ n’anisɔde.


Koma mu kwasiarefo nyinaa yɛ AWURADE akyide, ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Na sɛ motrɛw mo nsam a, meyi m’ani mahintaw mo; nso sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie; mogya ayɛ mo nsa mama.


Na mobɛfrɛ me, na moakɔ akɔbɔ me mpae, na matie mo;


Na biribiara a mubebisa mpaebɔ mu na mugye di no, mubenya.


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛnea nnipa behu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkae nhoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntade ano nnwow akɛse.


Na wɔpɛ mpanyimfo tenabea adidi ase, ne mpanyimfo nkongua hyiadan mu,


Monhwɛ yiye na moanyɛ mo trenee nnipa anim sɛ wobehu mo; anyɛ saa a, munni akatua mo agya a ɔwɔ soro no nkyɛn.


Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfo no. Na wonyinnyan wɔn anim sɛnea nnipa behu sɛ wɔredi mmuada. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Enti sɛ woyɛ adɔe a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ no hyiadan mu ne mmorɔn so, sɛnea wobenya nnipa anim anuonyam. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!


Na sɛ mugyina hɔ rebɔ mpae, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso akyɛ mo.


Na osee wɔn ne nkyerɛkyerɛ mu sɛ: Monhwɛ yiye wɔ akyerɛwfo a wɔpɛ ntade atenten mu nantew ne gua so nkyia


Mo Farisifo, munnue, sɛ mopɛ mpanyin tenabere hyia adan mu ne gua so nkyia.


Na obuu wɔn bɛ bi de kyerɛe sɛ etwa sɛ nnipa bɔ mpae daa a wɔmmrɛ ho


Na ɔtowgyeni no de ogyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ ɔsoro po, na mmom ɔbɔɔ ne koko kae sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛfo mmɔbɔ!


wɔn na wɔbɔ akunafo apoo, nanso wɔboapa bɔ mpae atenten kyerɛ. Eyinom na wobenya afobu a ɛso.


Nanso mo a moyɛ adefo de, munnue! Na moanya mo awerɛkyekye dedaw.


Ɛde bedu sesɛɛ de, monsrɛɛ biribi me din mu ɛ; monsrɛ, na mubenya, na mo anigye awie pɛyɛ.


na momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa,


Nanso ɔma ɔdom bebree mmom. Enti na kyerɛw no se: Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios