Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 6:12 - KYERƐW KRONKRON

12 na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛnea yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛdeɛ yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛnea yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛdeɛ yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, sɛdeɛ yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛnea yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 6:12
25 Referencias Cruzadas  

Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotɔsrɛ a wɔde rebɔ mpae akyerɛ ha yi, na wo de, tie wɔ wo tenabea ɔsoro, na wote a, fa firi!


ɛnne wo ara tie ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne firi, na san wɔn bra asase a wode maa wɔn agyanom no so.


wo ara tie ɔsoro, wo tenabea hɔ na fa kyɛ, na yɛ ma onipa no sɛ n’akwan nyinaa te, sɛ wuhu ne komam no; na wo ara wo nko na wunim nnipa mma nyinaa koma mu,


na fa wo man bɔne a wɔayɛ wo ne wɔn mmarato a wɔato afom wo no nyinaa kyɛ wɔn, na ma wonnya wɔn nnommumfafo no anim mmɔborohunu, na wonhu wɔn mmɔbɔ.


Na wo na fafiri wɔ wo fam, na wɔasuro wo.


Nhyira ne nea wɔde ne mmarato akyɛ no, na wɔakata ne bɔne so.


nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi, na bem na ɔmma ɔbɔnefo nni, na otua agyanom amumɔyɛ so ka fa mma ne mma mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan so.


Mommra mma yensusuw ho ɛ, AWURADE na ose; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa ayɛ sɛ nwera, sɛ ɛbere kɔɔ sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akado.


na eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fakyɛ.


Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubui a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Na sɛ mugyina hɔ rebɔ mpae, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso akyɛ mo.


Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, efisɛ yɛn nso de kyɛ obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu!


Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ekum wɔn no, mususuw sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfo sen nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa?


Nanso mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mummmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo.


Enti, anuanom, munhu sɛ ɛnam oyi so na wɔka bɔnefakyɛ kyerɛ mo;


Ɔno ankasa mu na yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so, a ɛne mfomso fakyɛ no, wɔ n'adom bebree mu.


Na momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa nkyekyɛ mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de kyɛɛ mo no.


Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mmoma mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea Awurade de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios