Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 4:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na ofii Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔfirii Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ mpoano, Sebulon ne Naftali ahyeɛ so,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Oduu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom otwaa mu wɔ Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔfirii Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ mpoano, Sebulon ne Naftali ahyeɛ so,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔduruu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom, ɔtwaam Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahyeɛ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na ofii Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so,

Ver Capítulo Copiar




Mateo 4:13
17 Referencias Cruzadas  

Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Hwɛ wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando; efisɛ tumide a wɔayɛ no wo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Sidon a, anka ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.


Na woduu Kapernaum no, wɔn a wogyigye dwetɛbona fa tow no baa Petro nkyɛn sɛ: Mo kyerɛkyerɛfo no ntua tow no anaa?


na nea Odiyifo Yesaia kae no aba mu sɛ:


Sebulon asase ne Naftali asase, ɛpo kwan so, Yordan agya, amanaman Galilea,


Na ɔtenaa ɔkorow mu twa baa n’ankasa ne kurom.


Na wokoduu Kapernaum. Na homeda dui no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe.


Na nna bi akyi no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ ofie.


Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ ɔsoro anaa? Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ asamando.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ampa ara, mode bɛ yi bebu me sɛ: Ɔsafo, sa wo ho yare! Nneɛma a yɛate sɛ woyɛe Kapernaum no, yɛ bi w’agya kurom ha nso!


Eyi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum, ɔne ne na, ne nuanom, ne n’asuafo no, na wɔanni nna bebree wɔ hɔ.


Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdan nsu nsa no bio. Na ahenkwaa panyin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum.


na wɔkɔɔ ɔkorow mu twaa po no sɛ wɔrekɔ Kapernaum. Na esum aduru dedaw, na Yesu mmaa wɔn nkyɛn ɛ,


enti nkurɔfokuw no hui sɛ Yesu nni hɔ na n’asuafo no nso nni hɔ no, wɔn nso kɔɔ akorow no mu, na wɔbaa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu.


Ɔrekyerɛkyerɛ Kapernaum hyiadan mu no na ɔkaa eyinom.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios