Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 3:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Nso na Yohane yi fura ntama a wɔde yoma nwi na ayɛ, na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen, na n’aduan ne mmoadabi ne wuram wo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Nso na Yohane yi fira ntoma a wɔde yoma nwi na ayɛ, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na n’aduane ne ntutummɛ ne wiram woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa bere no na Yohane fura yoma ho nwi ntama bɔ aboa nhoma abɔso. Na nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Nso na Yohane yi fira ntoma a wɔde yoma nwi na ayɛ, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na n’aduane ne ntutummɛ ne wiram woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ɛberɛ no na Yohane fira yoma ho nwi ntoma, bɔ aboa nhoma abɔsoɔ. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Nso na Yohane yi fura ntama a wɔde yoma nwi na ayɛ, na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen, na n’aduan ne mmoadabi ne wuram wo.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 3:4
12 Referencias Cruzadas  

Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Atade a ɔhyɛ no yɛ aboa nwin, na nhoma abɔso bɔ n’asen. Na ose: Ɛyɛ Tisbini Elia.


bere no ara mu na AWURADE nam Amos ba Yesaia so kae sɛ: Kɔ na koyi atweaatam no fi w’asen mu, na san wo mpaboa fi wo nan ase. Na ɔyɛɛ saa de adagyaw ne nammɔnhunu nantewee.


wɔn mu nea munni ni: Mmoadabi ahorow, abirinkran ahorow, atutuafuru ahorow, mmɛbɛw ahorow.


Na ɛda no, adiyifo no ani bewuwu wɔn adehu ho, wɔn nkɔmhyɛ no mu, wɔremfura nwi nguguso mfa nsisi bio.


Hwɛ, meresoma odiyifo Elia mabrɛ mo, ansa na Awurade da kɛse a ɛyɛ hu no aba.


Na Yohane bae, onnidi na ɔnnom, na wose: Ɔwɔ honhommɔne.


Anaasɛ ɛdɛn na mufii adi kɔhwɛe? Onipa a ɔhyɛ ntade bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afi mu.


Na Yohane fura yoma nwi ntama, na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen, na odi mmoadabi ne wuram wo.


Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bedi n’anim akɔdan agyanom koma aba wɔn mma so, ne asoɔdenfo akɔ treneefo adwene ho, na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade.


Ɔma ɔfaa asase sorɔnsorɔn so kɔe, na odii asase so nnɔbae; na ɔma ofew ɛwo fii ɔbotan mu, ne ngo fii abohemmaa mu,


Na mɛma m’adansefo baanu afurafura atweaatam abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios