Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 27:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama. Na wose: Ɛfa yɛn ho dɛn? Wo ara w'asɛm a!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama. Ɛnna wɔse: Ɛfa yɛn ho bɛn? Wo ara w’asɛm!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Mayɛ bɔne, efisɛ mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara no ama.” Wɔn nso kae se, “Ɛmfa yɛn ho. Ɛyɛ wo ara wʼasɛm.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama. Ɛnna wɔse: Ɛfa yɛn ho bɛn? Wo ara w’asɛm!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Mayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara ama.” Wɔn nso kaa sɛ, “Ɛmfa yɛn ho. Wo ara wʼasɛm.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama. Na wose: Ɛfa yɛn ho dɛn? Wo ara w'asɛm a!

Ver Capítulo Copiar




Mateo 27:4
33 Referencias Cruzadas  

Na Ahab tee nsɛm yi no, osunsuanee ne ntade mu, na ɔde atweaatam guu ne ho so, na odii abuada, na ɔdaa atweaatam no mu, na ɔnam siamoo.


ne mogya a edi bem nso a ɔka gui na ɔde mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma no nti. Na AWURADE ampɛ sɛ ɔde firi.


Na mo de, moyɛ atorofo, ayaresafo ahuhufo ne mo nyinaa.


Mate saa nsɛm a ɛte sɛɛ bebree ntee; mo nyinaa yɛ gyamserefo.


Wɔbɔ ɔtreneeni kra so tukuw, na wobu mogya a edi bem fɔ.


Na ɔfrɛɛ Mose ne Aaron anadwo no kae sɛ: Monsɔre mfi me man mu, mo ne Israelfo no, na monkɔ nkɔsom AWURADE, sɛnea mokae no.


Ɛnna Farao soma bɛfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi de, mayɛ bɔne, AWURADE ne ɔtreneeni, na me ne me man ne abɔnefo.


Onipa nimdeɛ so na woyi no ayɛ, na nea wakyea ne koma no anim begu ase.


Ohu nko na munhu sɛ, sɛ mukum me a, mogya a edi bem na mobɛsesaw agu mo ne kurow yi ne emutefo so, na nokwarem, AWURADE na asoma me mo nkyɛn, sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa mingu mo asom.


Ɛnna wosu frɛɛ AWURADE sɛ: O AWURADE, onipa yi kra nti mma yɛntotɔ, na mfa mogya a yedi ho bem ngu yɛn so. Na wo, AWURADE, na woyɛ sɛnea wopɛ.


Na ɔte atemmu agua so no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa trenee no ntam; na ne nti mahu amane pii ɔdae mu nnɛ.


Na asraafo ha so panyin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no huu asasewosow ne nneɛma a esisii no, wosuroe pii kae sɛ: Ampa ara Onyame ba ni!


Na ɔkaa nea ɛto so abiɛsa kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Manhu nea ɛfata sɛ wokum no, enti mɛhwe no, na magyaa no.


Na yɛn de de, ɛteɛ pɛpɛɛpɛ, na yɛanya nea ɛsɛ yɛn nneyɛe no; na oyi de, ɔnyɛɛ mfomso ade biara.


Na asraafo ha so panyin no huu nea aba no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa trenee.


Yudafo no buaa no sɛ: Yɛn de, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti etwa sɛ owu, efisɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba.


Na wɔanhu ade biara a ɛfata owu wɔ ne mu, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ wonkum no.


Na yenim sɛ biribiara a mmara se no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no mu, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Onyankopɔn atemmu mu.


atorokyerɛfo nkontompo nti. Wɔn na wɔn ahonim awu.


Wɔka se wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfo ne asoɔdenfo, na wɔmfra mma adwuma pa biara.


Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn ɔsoro.


na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ oguammaa a onni dɛm ne nkekae no mogya a ne bo yɛ den no na egyee mo.


ɛnyɛ sɛ Kain a ofi bɔne mu na okum ne nua no. Na adɛn nti na okum no? Efisɛ n’ankasa nnwuma yɛ bɔne, na ne nua de no de, ɛteɛ.


Na wɔn a wɔtete asase so ani begye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yam, na wɔamenamena wɔn ho ade, efisɛ adiyifo baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase so.


Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Mayɛ bɔne sɛ mafom AWURADE anom asɛm ne wo nsɛm so, sɛ misuroo ɔman no na mitiee wɔn.


Ɛnna ose: Mayɛ bɔne de, nanso afei di me ni me man mpanyin ne Israel anim: Wo ne me nsan nkɔ, na menkɔsɔre AWURADE wo Nyankopɔn.


Na ɔde ne kra too ne nsam kokum Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wuhui na w’ani gyei; na ɛdɛn nti na worebɛyɛ mogya a edi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios