Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 24:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na ɛno na ahohiahia kɛseɛ a ɛfiri wiase mfitiaseɛ de bɛsi nnɛ, ebi mmaa da, nanso ebi remma da, bɛba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Efisɛ awerɛhowdi a ɛbɛba no, bi nsii wɔ wiase abakɔsɛm mu da, na bi nso rensi da.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na ɛno na ahohiahia kɛseɛ a ɛfiri wiase mfitiaseɛ de bɛsi nnɛ, ebi mmaa da, nanso ebi remma da, bɛba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Ɛfiri sɛ, ɔtaa a ɛbɛba no, ebi nsii wɔ ewiase abakɔsɛm mu da, na ebi nso rensi da.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 24:21
20 Referencias Cruzadas  

Na mɛyɛ wo nea menyɛe da na merenyɛ ne sɛso bio, w’akyide nyinaa nti.


Muntie eyi, mo mpanyimfo, na monyɛ aso, mo asase sofo nyinaa. So saa ade yi aba mo bere so anaasɛ mo agyanom bere so pɛn?


esum ne kusuuyɛ da, amununkum ne kusukuukuu da. Ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den a ebi nte sɛ no fi teteete, na n’akyi nso ebi renyɛ sɛ ɛno awo ntoatoaso a edidi so mfe mu reyerɛw sɛ adekyeehema yerɛw mmepɔw so no.


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ fononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo Awurade na ose, na ɛrennyaw wɔn ntini anaa baa.


Na mommɔ mpae na mo guan no amma awɔw bere anaa homeda.


Na nna no mu ahohiahia akyi no, ntɛm ara na owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn, na nsoromma betutu afi soro agu fam, na ɔsoro ahoɔden awosow.


Na mo de, monhwɛ mo ho so yiye! Na wobeyi mo ama mpanyimfo bagua, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo begyina amradofo ne ahemfo anim na moadi adanse akyerɛ wɔn.


Na wɔbɛtotɔ nkrante ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du.


Wɔbra yɛn sɛ yɛnnkasa nnkyerɛ amanaman no, na wɔannye wɔn nkwa, wɔde hyɛ wɔn bɔne ma daa, nso abufuw no anya aba wɔn so awie.


Na anyinam nne ne aprannaa bae, na asasewosow kɛse a efi bere a nnipa baa asase so no wonhuu so asasewosow kɛse saa pɛn bae.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wunim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios