Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 24:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na adiyifo atorofo bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na adiyifoɔ atorofoɔ bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔadaadaa mo mu pii.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na adiyifoɔ atorofoɔ bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Atorɔ adiyifoɔ bebree bɛsɔre, na wɔadaadaa mo mu pii.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na adiyifo atorofo bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 24:11
13 Referencias Cruzadas  

Na ɛnam sɛ amumɔyɛ bɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo.


Na kristofo atorofo ne adiyifo atorofo bɛsɔre, na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, anka wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.


Na nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ: Mene Kristo no; na wɔabɛdaadaa nnipa pii.


Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo.


Na Kristo atorofo ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.


Nso mo ankasa mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.


Na honhom no ka no pefee sɛ nna no mu no, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho,


Na adiyifo atorofo nso wɔ ɔman no mu, sɛnea akyerɛkyerɛfo atorofo bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛe fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu, na wɔapa Awurade a ɔtɔɔ wɔn na ogyee wɔn no po, na wɔde ɔsɛe a ɛba ntɛmntɛm aba wɔn ho so.


Mmofra nkumaa, ɛdɔn a edi akyiri ni. Na sɛnea moate sɛ antikristo no rebɛba no, saa na mprempren yi antikristo bebree aba nen; ɛno na yɛde hu sɛ dɔn a edi akyiri ni.


Nea makyerɛw mabrɛ mo yi fa wɔn a wɔdaadaa mo no ho.


Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa; efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.


Na nnipa bi awiawia wɔn ho abam a wofi tete akyerɛw wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmu yi, amumɔyɛfo a wɔdan yɛn Nyankopɔn adom ahohwi, na wɔpo owura koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.


Na wɔkyeree aboa no ne diyifo atorofo no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnne de daadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no kaa ne ho. Wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios