Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 23:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na ɔbaako ne mo agya, ɔne deɛ ɔwɔ soro no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mommfrɛ obiara wɔ asase so ha sɛ ‘Agya,’ efisɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no saa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na ɔbaako ne mo agya, ɔne deɛ ɔwɔ soro no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mommfrɛ obiara wɔ asase so ha sɛ ‘Agya,’ ɛfiri sɛ, Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no saa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 23:9
16 Referencias Cruzadas  

Nso na Elisa yare ne yare a ɔde wui no. Na Israel hene Yoas san baa ne nkyɛn besui n’anim, na ɔkae sɛ: M’agya, m’agya! Israel nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo!


Na Elisa hwɛe na ɔteɛɛm sɛ: M’agya, m’agya! Israel nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefo na ɔrekɔ no! Na wanhu no bio. Na osoo n’atade mu suanee mu abien,


Na Israel hene huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ Elisa sɛ: Agya, so memmobɔ wɔn anaa?


Ɔba di n’agya ni, na akoa di ne wura ni, na sɛ agya ne me a, me nidi wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he? Asafo Awurade na ɔka akyerɛ mo, asɔfo a mubu me din animtiaa. Na moka se: Ɛdɛn mu na yebu wo din animtiaa?


Nanso wɔmmfrɛ mo awuranom; na obiako ne mo wura, ɔne Kristo no.


Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro agya no nim sɛ eyinom nyinaa hia mo.


Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, mpɛn ahe na mo agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wobisa no?


Anuanom ne agyanom, muntie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi!


Na sɛ mowɔ ahwɛfo ɔpedu wɔ Kristo mu mpo a, munni agyanom bebree; na me na menam asɛmpa no so mewoo mo Kristo Yesu mu.


na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmammarima ne mmabea, Awurade Tumfo na ose.


Bio, yɛwɔ yɛn honam fam agyanom sɛ asotwefo na yɛfɛree wɔn. Adɛn nti na yɛmmfa yɛn ho nhyɛ ahonhom Agya no ase nkyɛn saa pii mmom, na yɛatena ase?


Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de akyɛ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Eyi nti wiase nhu yɛn, efisɛ enhuu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios