Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 22:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna osee ne nkoa no sɛ: Wɔasiesie ayeforohyia no de, nanso wɔn a wɔahyia wɔn no, ansɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Ɛnna ɔsee ne nkoa no sɛ: Wɔasiesie ayeforɔhyia no deɛ, nanso wɔn a wɔhyiaa wɔn no, ansɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Ɔsan frɛɛ nʼasomfo ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Wɔawie ayeforo aduan no. Nanso wɔn a mefrɛɛ wɔn no mfata sɛ wɔba aponto no ase.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛnna ɔsee ne nkoa no sɛ: Wɔasiesie ayeforɔhyia no deɛ, nanso wɔn a wɔhyiaa wɔn no, ansɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Ɔsane frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Wɔawie ayeforɔ aduane no. Nanso, wɔn a mefrɛɛ wɔn no mfata sɛ wɔba apontoɔ no ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛnna osee ne nkoa no sɛ: Wɔasiesie ayeforohyia no de, nanso wɔn a wɔahyia wɔn no, ansɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 22:8
11 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene no tee no, ne bo fuwii, na ɔsomaa ne dɔm kokunkum awudifo no, na ɔhyew wɔn kurow.


Enti monkɔ atempɔn nkwanta so, na dodow ara a mubehu wɔn no, momfrɛ wɔn mmra ayeforo apontow no ase.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforokunu ne ayeforo asefo no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ ahow? Na nna bi bɛba a wobeyi ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wobedi mmuada.


na wɔn a wobebu wɔn sɛ ɛsɛ wɔn sɛ wɔn nsa bɛka wiase foforo no ne ɔsɔre a wɔbɛsɔre afi awufo mu no de, wɔnware, nso wɔmfa wɔn mma aware.


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina Onipa Ba no anim.


Na Paulo ne Barnaba de akokoduru kae sɛ: Ehia sɛ anka wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kan; na esiane sɛ musum kyene na mubu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdan kɔ amanaman no nkyɛn.


Ɛno na ɛyɛ Onyankopɔn atɛntrenee agyirae, sɛ wobebu mo sɛ Onyankopɔn ahenni a muhu ho amane no fata mo.


Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntade, sɛnea wɔbenya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apon ano akɔ kurow no mu.


Nanso wowɔ nnipa kakraa bi a wonguu wɔn ntade ho fi wɔ Sardi, na wɔne me bɛnantew ntade fitaa mu, efisɛ wɔfata.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios