Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 21:44 - KYERƐW KRONKRON

44 Na nea ɔbɛhwe ɔbo yi so no, bebubu, na nea ɛbɛhwe no so no, ɛbɛpɛtɛw no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

44 Na deɛ ɔbɛhwe ɔboɔ yi soɔ no, ne mu bɛbubu, na deɛ ɛbɛhwe ne soɔ no ɛbɛpɛkyɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Wɔn a wɔbɛhwe saa ɔbotan yi so no mu bebubu, na nea ɔbo no bɛhwe ne so no nso bɛpɛtɛw.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

44 Na deɛ ɔbɛhwe ɔboɔ yi soɔ no, ne mu bɛbubu, na deɛ ɛbɛhwe ne soɔ no ɛbɛpɛkyɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Wɔn a wɔbɛhwe saa botan yi so no mu bɛbubu, na deɛ nokorɛ no bɛhwe ne so no nso bɛpɛkyɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 Na nea ɔbɛhwe ɔbo yi so no, bebubu, na nea ɛbɛhwe no so no, ɛbɛpɛtɛw no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 21:44
22 Referencias Cruzadas  

Momfa nidi mapa mma no, na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.


Wode dade poma bebubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.


Enti AWURADE asɛm bɛdan wɔn mmara atia mmara, mmara atia mmara, ahyɛde atia ahyɛde, ahyɛde atia ahyɛde, ɛha kakra, ɛhɔ kakra, na wɔakɔ akopini nkyirinkyiri, na wɔabubu wɔn, na wɔatotɔ afiri mu, na wɔakyekyere wɔn.


Na ɔman ne ahenni a ɛrensom wo no begu, saa aman no, ɔsɛe na wɔbɛsɛe wɔn nyinaa.


Na da no, mede Yerusalem mɛyɛ tɔkwaboba mama aman nyinaa; wɔn a wɔbɛma so nyinaa bepirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano ahyɛ no.


Eyi nti mise mo sɛ: Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.


Na asɔfo mpanyimfo ne Farisifo tee ne mmɛbu no, wohui sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka.


Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye ma no.


Na ɔman mu no nyinaa buae sɛ: Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma tiri so.


Na Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne na Maria sɛ: Hwɛ, abofra yi na wɔde no asi hɔ ama Israel mu nnipa bebree asehwe ne sɔre ne sɛnkyerɛnne a wɔbɛkasa atia no,


Obiara a ɔbɛhwe ɔbo no so no, obebubu; na nea ɛbɛhwe no so no, ɛbɛpɛtɛw no.


Yesu buae sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfi soro a, anka wunni me so tumi biara; eyi nti nea oyii me maa wo no na ne bɔne so.


sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ hintibo ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ; na obiara a obegye no adi no anim rengu ase.


Wɔbra yɛn sɛ yɛnnkasa nnkyerɛ amanaman no, na wɔannye wɔn nkwa, wɔde hyɛ wɔn bɔne ma daa, nso abufuw no anya aba wɔn so awie.


ne hintibo ne hintiduato botan ama wɔn, Wɔn na wohintiw, efisɛ wontie asɛm no. Ɛno nti na woyii wɔn mae.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios