Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 21:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi na munnye akyinnye a, ɛnyɛ borɔdɔma de yi nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! Na ɛbɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie na monnye akyinnyeɛ a, anka ɛnyɛ borɔdɔma yi deɛ nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! na ɛbɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu nso buaa wɔn se, “Nokware, sɛ mowɔ gyidi na munnhinhim a, mubetumi ayɛ ade koro yi ara bi, anaa nea ɛkyɛn saa mpo. Anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ebetutu akogu mu nso.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie na monnye akyinnyeɛ a, anka ɛnyɛ borɔdɔma yi deɛ nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! na ɛbɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Nokorɛm, sɛ mowɔ gyidie a ɛnhinhim a, mobɛtumi ayɛ ade korɔ yi ara bi, anaa deɛ ɛkyɛn saa mpo. Anka mobɛtumi aka akyerɛ Ngo Bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu’, na ɛbɛtutu akɔgu mu nso.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi na munnye akyinnye a, ɛnyɛ borɔdɔma de yi nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Tutu na kɔhwe po mu! Na ɛbɛyɛ.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 21:21
9 Referencias Cruzadas  

Na ose: Bra! Na Petro fii ɔkorow no mu si faa nsu no ani sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.


Na osee wɔn sɛ: Efisɛ mo gyidi sua; na nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Twiw fi ha kɔ noho, na ebetwiw, na biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.


Na asuafo no hui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wɔkae sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na amonom ha yi ara borɔdɔma nhaban yi apo yi?


na ahenni mma no de, wɔbɛtow wɔn akogu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.


Na sɛ mewɔ adiyi asɛnka, na minim ahintasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw mpo, na minni dɔ a, mensɛ hwee.


Na gyidi mu na ommisa, na onnnye biribiara ho kyim, efisɛ nea ogye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ de no redi akɔneaba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios