Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 20:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ofii adi bɛyɛ sɛ anɔpa nnɔnkron kohuu afoforo sɛ wogyinagyina gua so kwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔfirii adi bɛyɛ anɔpa nnɔnkron kɔhunuu afoforɔ sɛ wɔgyinagyina dwa ase kwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Ankyɛ ofii adi bio kohuu nnipa bi nso, sɛ wogyinagyina hɔ a wɔnyɛ hwee.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔfirii adi bɛyɛ anɔpa nnɔnkron kɔhunuu afoforɔ sɛ wɔgyinagyina dwa ase kwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Ankyɛre ɔfirii adi bio kɔhunuu nnipa bi nso, sɛ wɔgyinagyina hɔ a wɔnyɛ hwee na wɔrehwehwɛ obi ama wabɔ wɔn paa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ofii adi bɛyɛ sɛ anɔpa nnɔnkron kohuu afoforo sɛ wogyinagyina gua so kwa.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 20:3
12 Referencias Cruzadas  

Anihaw yɛ nnahɔɔ, na ɔkra kwaadwofo bedi kɔm.


Hwɛ, eyi ne wo nuabea Sodom amumɔyɛ no: Ahantan, didimee ne yiyedi dwoodwoo mu na ɔno ne ne mmabea tenae, na ɔbrɛfo ne ohiani nsa de, wanso mu;


Na ɔne adwumayɛfo no dii ano sɛ da koro denare biako no, ɔma wɔkɔɔ ne bobe turom hɔ.


Na osee wɔn nso sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom, na akatua a eye no na mede bɛma mo.


Na ɛyɛ dɔn a ɛto so abiɛsa mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu.


Na ne wuranom hui sɛ wɔn mfaso abɔ wɔn no, wosusoo Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ gua so mpanyimfo anim.


Na eyinom mmow nsa, sɛnea mususuw yi, efisɛ ɛyɛ anɔpa nnɔnkron.


Na emu ara nso na wɔyɛ anihaw sua afi mu kyinkyin, na ɛnyɛ anihaw nko na wɔyɛ, na wɔyɛ kurokuro ne tɛretɛre nso keka nsɛm a ɛnsɛ.


na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidi ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios