Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 bebisaa sɛ: Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahu ne nsoromma wɔ apuei, na yɛreba abɛkotow no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 bisaa sɛ: Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahunu ne nsoromma wɔ Apueeɛ, na yɛreba abɛkoto no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Saa bere no ara mu na anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem bebisae se, “Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Yehuu ne nsoromma wɔ apuei nohɔ, nti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 bisaa sɛ: Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahunu ne nsoromma wɔ Apueeɛ, na yɛreba abɛkoto no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Saa ɛberɛ no ara mu na anyansafoɔ bi firi apueeɛ baa Yerusalem bɛbisaa sɛ, “Ɛhe na Yudafoɔ ɔhene a wɔawo no no wɔ? Yɛhunuu ne nsoromma wɔ apueeɛ nohoa enti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 bebisaa sɛ: Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahu ne nsoromma wɔ apuei, na yɛreba abɛkotow no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 2:2
28 Referencias Cruzadas  

Mihu no, nso ɛnyɛ mprempren, mehwɛ no, nso ɔmmɛn: Nsoromma bepue Yakob mu, na ahempoma befi Israel mu asɔre, na wadwerɛw Moab afanan nyinaa na wabubu ɔko huuyɛ mma no nyinaa.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma trenee Dubaa bi so mama Dawid, na ɔhene bi abedi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so.


Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ommedi mo nneɛma yi ho adanse asafo no mu. Mene Dawid ntini ne n’aseni, adekyee nsoromma a ɛharan no.


Di ahurusi pii, Sion babea! Huro, Yerusalem babea. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye; odwo, na ɔte afurum so, afurumforo a ɔyɛ afurummere ba so.


Na amanaman bɛnantew aba wo hann no ho, na ahene aba hyerɛn a apue wo so no ho.


Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene nen? Yesu buae sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.


Na onya de abakan no ba wiase bio a, ose: Ma Onyankopɔn abɔfo nyinaa nsɔre no!


Na nkyerɛwee bi nso wɔ n’atifi sɛ: Oyi ne Yudafo hene.


Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Na obuaa no sɛ: Woaka.


Me AWURADE na masi me hene, me bepɔw kronkron Sion so.


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Nea onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


Natanael bua see no sɛ: Rabi, woyɛ Nyankopɔn ba, wone Israel hene.


sɛ: Nhyira ne ɔhene a ɔnam Awurade din mu reba no! Asomdwoe wɔ ɔsoro, na anuonyam wɔ sorosoro noho.


sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.


Na wɔbɛsom AWURADE, wɔn Nyankopɔn, ne wɔn hene Dawid a mɛma no so mama wɔn no.


Na ɔhene ani asɔ w’ahoɔfɛ, na ɔne wo wura, na sɔre no.


Na ose: Migye midi, Awurade! Na ɔkotow sɔree no.


Na Pilato kyerɛw ɛho asɛm nso, na ɔde fam asɛnnua no atifi, na ɛka sɛ: Yesu, Nasareni, Yudafo hene.


wɔfofaa berɛw, na wofii adi sɛ wɔrekohyia no, na wɔteɛteɛɛm sɛ: Hosiana! Nhyira ne nea ɔreba Awurade din mu no, Israel hene no!


Na Yesu begyinaa amrado no anim. Na amrado no bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa? Na Yesu kae sɛ: Wo na woaka.


Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!


Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, odwo, na ɔte afurum ne afurum a ɔsoa nnesoa ba so.


Na ɔhene Herode tee no, ɔne Yerusalemfo nyinaa akoma tui;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios