Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 19:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Enti mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware; (Na nea ɔbɛware nea wɔagyaa no no nso asɛe aware.)

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Enti mese mo sɛ, sɛ ɛnyɛ adwamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware foforɔ a, na wasɛe awadeɛ; (na deɛ ɔbɛware deɛ wɔagyae no no nso asɛe awadeɛ.)

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na mereka akyerɛ mo se, obiara a obegyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbea no abɔ aguaman, na ɔbɛsan aware ɔbea foforo no asɛe aware.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Enti mese mo sɛ, sɛ ɛnyɛ adwamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware foforɔ a, na wasɛe awadeɛ; (na deɛ ɔbɛware deɛ wɔagyae no no nso asɛe awadeɛ.)

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbɛsane aware ɔbaa foforɔ no asɛe awadeɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Enti mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware; (Na nea ɔbɛware nea wɔagyaa no no nso asɛe aware.)

Ver Capítulo Copiar




Mateo 19:9
18 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo dae mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbea a woakɔfa no no nti woawu awie, efisɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere.


Nso ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda mmepɔw so, na ɔde Yerusalemfo kɔɔ aguamammɔ mu, na ɔhyɛɛ Yuda ma wɔman kɔɔ bɔne mu.


Wose: Sɛ ɔbarima bi ko ne yere, na ofi ne nkyɛn kɔyɛ ɔbarima foforo de a, so ɔbɛsan aba ne nkyɛn bio anaa? Anka ɛnyɛ efi na ɛbɛka asase no anaa? Na wo de wo ne adɔfo pii abɔ aguaman de, nanso san bra me nkyɛn! AWURADE asɛm ni.


ohui sɛ ɔkobɔfo Israel awaresɛe nti ara na mekoo no maa no ɔko nhoma de, nanso ne nuabea sansani Yuda ansuro, na ɔno nso kɔe kɔbɔɔ aguaman.


Nanso wode wo ho too w’ahoɔfɛ so, na wobɔɔ aguaman guu wo din so, na wuhwiee w’aguamammɔ guu obiara a ɔretwam so.


Nso womaa w’aguamammɔ dɔɔso koduu Kanaan asase a ɛne Kaldea, na eyi nso ammee wo.


Na mebetwaa wo ho na mihuu wo, na hwɛ, ɛyɛ wo bere, ɔdɔ bere; na mede me ntaban metrɛw wo so, na mekataa w’adagyaw so, na mekaa wo ntam, na me ne wo yɛɛ apam, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, na woyɛɛ me de.


Asuafo no see no sɛ: Sɛ ɔbarima ne ne yere ntam asɛm te saa de a, na enye sɛ wɔware.


Osee wɔn sɛ: Mo komaden nti na Mose maa mo kwan sɛ munnyaa mo yerenom; na efi mfiase de, anka ɛnte sa.


Na me de, mise mo sɛ: Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere a, na wama ɔbea no asɛe aware; na obiara a ɔbɛware nea wɔagyaa no no nso asɛe aware.


Obiara a ogyaa ne yere na ɔware ɔfoforo no sɛe aware; na obiara a ɔware nea ne kunu agyaa no no sɛe aware.


Wɔabɛka sɛ aguamammɔ wɔ mo mu, aguamammɔ a enni abosonsomfo mpo mu, sɛ obi ne n’agya yere da.


Ɔbea kunu te ase no, na mmara akyekyere no; na sɛ ne kunu no ka baabi a, na ɔde ne ho, na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware obiara a ɔpɛ, na mmom Awurade mu nko na ɔnyɛ.


Ɔyere nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom okunu; saa ara nso na okunu nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ɔyere.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios