Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 19:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Wobisaa no sɛ: Na adɛn nti na Mose hyɛe sɛ wɔmma awaregyae nhoma, na wonnyaa no no?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Na adɛn nti na Mose hyɛɛ sɛ wɔmma awaregyaeɛ nwoma, na wɔnnyaa no no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Farisifo no kɔɔ so bisaa no se, “Adɛn nti na Mose kae se, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ogyaa ne yere a otumi kyerɛw no krataa kɛkɛ, de gyaa no?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Na adɛn nti na Mose hyɛɛ sɛ wɔmma awaregyaeɛ nwoma, na wɔnnyaa no no?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Farisifoɔ no kɔɔ so bisaa no sɛ, “Adɛn enti na Mose kaa sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere a ɔtumi twerɛ no krataa kɛkɛ, de gyaa no?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Wobisaa no sɛ: Na adɛn nti na Mose hyɛe sɛ wɔmma awaregyae nhoma, na wonnyaa no no?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 19:7
9 Referencias Cruzadas  

Sɛ AWURADE se ni: Ɛhe ara na mo maame awaregyae nhoma a mede mekoo no no wɔ? Anaasɛ m’akafo mu hena na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumɔyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔako mo maame.


ohui sɛ ɔkobɔfo Israel awaresɛe nti ara na mekoo no maa no ɔko nhoma de, nanso ne nuabea sansani Yuda ansuro, na ɔno nso kɔe kɔbɔɔ aguaman.


Na metan awaregu, Awurade, Israel Nyankopɔn na ose, ne nea ɔde mmusu kata n’atade so, asafo Awurade na ose; enti monhwɛ mo ho yiye mo honhom ho, na munntwa nkontompo.


Na ne kunu Yosef yɛ onipa trenee, na ɔmpɛ sɛ ogu Maria anim ase guam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ obegyaa no kokoam.


Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!


Osee wɔn sɛ: Mo komaden nti na Mose maa mo kwan sɛ munnyaa mo yerenom; na efi mfiase de, anka ɛnte sa.


Wɔkae nso sɛ: Obiara a obegyaa ne yere no mma no awaregyae nhoma.


Na wɔkae sɛ: Mose maa kwan sɛ ɔnkyerɛw awaregyae nhoma mma no na onnyaa no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios