Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 18:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na sɛ wo nsa anaa wo nan to wo hintidua a, twa, na tow fi wo ho kyene! Na eye ma wo sɛ wode nansin anaa basin bɛkɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ nsa abien anaa nan abien, na wɔde wo bɛto daa ogya no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na sɛ wo nsa anaa wo nan to wo suntidua a, twa, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ wode nansini anaa nsasini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nsa mmienu anaa nan mmienu, na wɔde wo bɛto daa ogya no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Enti sɛ wo nsa anaa wo nan to wo hintidua a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode dɛmdi bɛkɔ ɔsoro sen sɛ wɔde wo nipamu bɛto ogyatannaa mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na sɛ wo nsa anaa wo nan to wo suntidua a, twa, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ wode nansini anaa nsasini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nsa mmienu anaa nan mmienu, na wɔde wo bɛto daa ogya no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Enti, sɛ wo nsa anaa wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ ɔsoro sene sɛ wɔde wo onipa mu bɛto ogyatannaa mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na sɛ wo nsa anaa wo nan to wo hintidua a, twa, na tow fi wo ho kyene! Na eye ma wo sɛ wode nansin anaa basin bɛkɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ nsa abien anaa nan abien, na wɔde wo bɛto daa ogya no mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 18:8
22 Referencias Cruzadas  

Na mubegu wo dwetɛ ahoni nnuraho ne wo sika agude nkataho no ho fi; wobɛtow agu sɛ asabutam, wobɛka akyerɛ no sɛ: Fi hɔ!


Sion mu nnebɔneyɛfo ho popo, na ehu aka ahuhufo: Yɛn mu hena na ɔbɛtena ogya a ɛhyew ade ho? Yɛn mu hena na ɔbɛtena daa hyew mu?


Montotow mo mmaratode a mode too mmara no nyinaa mfi mo so ngu, na monyɛ koma foforo ne honhom foforo mfa. Na ɛdɛn nti na morewu yi, Israel fi?


Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn hintidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kan no, wubue n’anom a, wubehu dwetɛbona wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne wo.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu!


Na eyinom befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Saa ara nso na mo mu biara a onnyaw nea ɔwɔ nyinaa ntumi nyɛ me suani.


Na ɔteɛɛm sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro na ɔmfa ne nsatea ano nkɔbɔ nsu mu, na ɔmfa mmedwudwo me tɛkrɛma; na merehu amane ogyaframa yi mu.


Anadwo akɔ n’anim, adekyee abɛn; enti momma yenyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akode.


ɔno ara na ɔbɛnom Onyankopɔn abufuw nsa a wɔahwie no gyenn agu n’abufuw kuruwa mu no bi, na wɔayɛ no ayayade, ogya ne sufre mu, abɔfo kronkron ne Oguammaa no anim.


Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔakyerɛw ne din nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.


Na ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne adutofo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios