Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 18:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno ara ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno ara ne ɔkɛseɛ koraa ɔsoro ahennie no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛse koraa wɔ Ɔsoro Ahenni mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno ara ne ɔkɛseɛ koraa ɔsoro ahennie no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ koraa Ɔsoro Ahennie mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno ara ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 18:4
13 Referencias Cruzadas  

Na sɛ nea ɔkorɔn na wɔama no so, nea ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no se ni: Mete soro ne nea ɛhɔ yɛ kronkron, ne nea wabubu na ne honhom brɛ ase no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefo honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa.


Ɛdɔn no ara mu na asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisaa sɛ: Hena ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu?


na ɔkaa sɛ: Nokware mise mo sɛ, moannan na moanyɛ sɛ mmofra a, morentumi nhyɛn ɔsoro ahenni no mu.


Na obiara a obegye abofra a ɔte sɛɛ biako me din mu no, wagye me;


Nanso ɛnte saa mo mu; na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu kɛse no, ɔbɛyɛ mo somfo,


Na womuaa wɔn ano; efisɛ ɔkwan mu no wɔdwennwenee ho sɛ hena ne wɔn mu ɔkɛse.


Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.


na osee wɔn sɛ: Obiara a obegye abofra yi me din mu no, wagye me; na obiara a obegye me no, na wagye nea ɔsomaa me no. Na nea ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔkɛse.


Mommrɛ mo ho ase Awurade anim, na ɔbɛma mo so.


Saa ara na mo mmabun nso, momfa mo ho nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios