Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 18:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Mudwen ho dɛn? Sɛ onipa bi wɔ nguanten ɔha, na wɔn mu biako fom kwan a, ɔrennyaw aduakron akron no mmepɔw so, na ɔnkɔhwehwɛ nea wafom kwan no anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Modwene ho sɛn? Sɛ onipa bi wɔ nnwanten ɔha, na wɔn mu baako fom kwan a, ɔrennya aduɔkron nkron no mmepɔ so, na ɔnkɔhwehwɛ deɛ wafom kwan no anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “Sɛ onipa bi wɔ nguan ɔha, na wɔn mu baako kokyin na ɔyera a, dɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennyaw aduɔkron akron no hɔ nkokyinkyin mmepɔw so ne abon mu nhwehwɛ nea wayera no?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Modwene ho sɛn? Sɛ onipa bi wɔ nnwanten ɔha, na wɔn mu baako fom kwan a, ɔrennya aduɔkron nkron no mmepɔ so, na ɔnkɔhwehwɛ deɛ wafom kwan no anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “Sɛ onipa bi wɔ nnwan ɔha, na wɔn mu baako kɔkyini na ɔyera a, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini mmepɔ so ne abɔn mu nhwehwɛ deɛ wayera no?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Mudwen ho dɛn? Sɛ onipa bi wɔ nguanten ɔha, na wɔn mu biako fom kwan a, ɔrennyaw aduakron akron no mmepɔw so, na ɔnkɔhwehwɛ nea wafom kwan no anaa?

Ver Capítulo Copiar




Mateo 18:12
17 Referencias Cruzadas  

Ɛnna AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ:


Mafom kwan sɛ oguan a wayera, hwehwɛ w’akoa, na me werɛ mfi wo mmara nsɛm.


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nguan, yɛdannan fofaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumɔyɛ kɔhwee no so.


Me man adan nguan a wɔayera, wɔn ahwɛfo ama wɔafomfom kwan adannan akɔ mmepɔw so; wɔafi bepɔw so akɔ koko so, wɔn werɛ afi wɔn dabere.


Sɛnea oguanhwɛfo hwehwɛ ne nguankuw akyi kwan da a ɔwɔ ne nguan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nguan akyi kwan, na meyi wɔn afi nea wɔapansam wɔn akɔ nyinaa, omununkum ne sum kabii da no.


Nea wayera no, mɛhwehwɛ no, na nea wɔapam no no, mɛkɔ makɔfa no aba, na nea wabubu no, mɛkyekyere no, na nea ɔyare no, mɛhyɛ no den; na nea wadɔ srade ne nea ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn trenee mu.


Na wɔrenyɛ amanaman afow ade bio, na asase so mmoa rensɛe wɔn bio, na wɔbɛtena ase dwoodwoo a obi bi renyi wɔn hu.


Wɔn a wɔagurow no, monhyɛ wɔn den, na ayarefo nso, monsa wɔn yare; nea wabubu no, monkyekyere no, nea wɔapam no no, monkɔfa no mma, na nea wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimɔden na mode di wɔn so.


Me nguan wɔ mmepɔw nyinaa ne nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ntwɛtwɛdɛ, na me man abɔ apete asase nyinaa ani, na obi nni hɔ a obisa, na obi nni hɔ a ɔhwehwɛ wɔn.


Na osee wɔn sɛ: Mo mu hena na sɛ ɔwɔ oguan biako, na ɔkɔtɔ amoa mu homeda a, ɔrenso no mu mma no so?


Na sɛ ɛba sɛ ohu no a, nokware mise mo sɛ, n’ani gye ne ho sen aduakron akron a wɔamfom kwan no.


Na mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mma baanu; na ɔkɔɔ nea odi kan no nkyɛn sɛ: Ɔba, nnɛ kɔyɛ me bobe turom adwuma!


sɛ: Mudwen Kristo no ho dɛn? Hena ba ne no? Wosee no sɛ: Dawid.


Me ne mo kasa sɛ animdefo. Mummu nea mise ho atɛn!


Na anka mote sɛ nguan a wɔayera, na afei moasan aba mo kra Hwɛfo ne Wɛmfo nkyɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios