Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 18:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Monhwɛ, na moammu nkumaa yi mu biako abomfiaa; na mise mo sɛ ɔsoro no, wɔn abɔfo hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Monhwɛ na moantiatia nkumaa yi mu baako anim, na mese mo sɛ ɔsoro hɔ, wɔn abɔfoɔ hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Monhwɛ yiye na moammu saa mmofra nketewa yi mu baako koraa animtiaa. Mereka akyerɛ mo se, ɔsoro hɔ no, wɔn abɔfo wɔ mʼagya nkyɛn daa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Monhwɛ na moantiatia nkumaa yi mu baako anim, na mese mo sɛ ɔsoro hɔ, wɔn abɔfoɔ hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Monhwɛ yie na moammu saa mmɔfra nketewa yi mu baako koraa animtia. Mereka akyerɛ mo sɛ, ɔsoro hɔ no, wɔn abɔfoɔ wɔ mʼagya nkyɛn daa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Monhwɛ, na moammu nkumaa yi mu biako abomfiaa; na mise mo sɛ ɔsoro no, wɔn abɔfo hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 18:10
45 Referencias Cruzadas  

Na Absalom dii Yerusalem mfe abien nanso wanhu ɔhene anim.


Ɛnna ɔkae sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahu AWURADE sɛ ɔte n’agua so, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.


N’ankasa n’ani so obu onipa huhuw animtiaa, na odi wɔn a wosuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakra.


Me de, mɛhwɛ w’anim trenee mu; minyan a, mehu sɛ mahu wo.


AWURADE bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn.


Na wahyɛ n’abɔfo ama wo, sɛ wɔnhwɛ wo so w’akwan nyinaa mu.


Afoa, sɔre hyɛ me guanhwɛfo ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo Awurade asɛm ni; bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no mpete, na mɛdan me nsa aba nkumaa no so.


Na kan no obi buu adwuma yi mfiase animtiaa mpo a wɔn ani begye bere a wobehu kyerebennyɛ bo no Serubabel nsam, Kanea ason a wohui no ne Awurade aniwa a edi akɔneaba asase nyinaa so no.


Na ɔredwennwene eyinom no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no ɔdae mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na nea ɔyem no no fi Honhom Kronkron mu.


na abaa a abukaw no, ɔremmu mu, na ntamaban a efi wusiw nso, ɔrennum de akosi sɛ ɔde atɛntrenee bɛkɔ nkonimdi mu.


Saa ara na ɛnyɛ mo agya a ɔwɔ soro no apɛde sɛ nkumaa yi mu biako bɛyera.


na obiara a ɔbɛto nkumaa a wogye me di yi mu biako hintidua no, eye ma no sɛ wɔde owiyammo sɛn ne kɔn mu, na wɔkɔdɔ no asukɔ wɔ ɛpo bun mu.


Na wofii hɔ kɔe no, hwɛ, Awurade bɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ɔdae mu sɛ: Sɔre fa abofra no ne ne na, na guan kɔ Misraim, na kɔtena hɔ kosi sɛ mɛka makyerɛ wo; efisɛ Herode rebɛhwehwɛ abofra no akum no.


Na Herode wui no, hwɛ, Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ Yosef ɔdae mu wɔ Misraim


Na ɔbɛsoma n’abɔfo ama wɔde torobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afi mframa anan no mu afi ɔsoro ano akɔpem ano.


Ɛnna ɔbɔfo no bua see no sɛ: Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛm pa yi.


Nea otie mo no, watie me; na nea ɔpa mo no, wapa me. Na nea ɔpa me no, wapa nea ɔsomaa me no.


Na ɛbae sɛ ohiani no wui, na abɔfo bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefo no nso wui, na wosiee no.


Ɛbɛyɛ sɛ awia nnɔn abiɛsa no, ohuu anisoade pefee sɛ Onyankopɔn bɔfo baa ne nkyɛn besee no sɛ: Kornelio!


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ dam! Na ɔkɔɔ so ara kae sɛ ɛte sa. Na wɔkae sɛ: Ɛyɛ ne bɔfo!


Na amonom hɔ ara na Awurade bɔfo bɛbɔɔ no, efisɛ wamfa anuonyam amma Onyankopɔn; na ɔdɔɔ mmoaa, na owui.


Na anadwo yi, Onyankopɔn a meyɛ ne de na mesom no no bɔfo begyinaa me nkyɛn


Na Awurade bɔfo behiɛɛ afiase no apon anadwo, na ɔde wɔn fii adi kae sɛ:


Na wo de, adɛn nti na wubu wo nua atɛn, anaasɛ wo nso, adɛn na wubu wo nua animtiaa? Na wɔde yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn atemmu agua no anim.


Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.


Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛwyɛ na yɛnsɔ yɛn ankasa ani.


Na munni afi a mudidi na monom wɔ mu anaa? Anaasɛ mubu Nyankopɔn asafo no animtiaa, na mogu wɔn a wonni bi no anim ase? Minse mo dɛn? Minyi mo ayɛ anaa? Eyi ho de, minyi mo ayɛ.


Ɛno nti obiara mmmu no animtiaa, na munnya no kwan asomdwoe mu, na ɔmmra me nkyɛn; na meretwɛn no ne anuanom no.


Wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, meyɛɛ me ho sɛnea ɔyɛ mmerɛw memaa wɔn, na manya wɔn a wɔyɛ mmerɛw no; mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa, na ɛyɛ dɛn ara a, magye ebinom nkwa.


Me Paulo ara na menam Kristo dwo a odwo ne n’ayamye so mitu mo fo, me a mewɔ mo nkyɛn a, meyɛ mmɔborɔfo wɔ mo mu, nanso minni mo nkyɛn a, meyɛ mo so kokodurufo.


Na wɔka sɛ: Ne nhoma no de ɛyɛ duru, na ekura tumi, nanso ɔwɔ yɛn ntam a, ɔyɛ mmerɛw, na ɔkasa nso a, ahoɔden biara nni mu.


Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no, honhom a edwo mu, nanso monhwɛ mo ho so yiye, na wɔansɔ mo nso anhwɛ.


Enti nea ɔtew ahi ntew onipa bi so atua, na mmom Onyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ahyɛ mo mu no.


Mma obi mmmu wo aberante a woyɛ no abomfiaa, na mmom yɛ gyidifo nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu.


Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfo a, wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye no difo no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?


Na Kristo anhyɛn kronkronbea a wɔde nsa yɛe a ɛyɛ kronkronbea ankasa no ho sɛnkyerɛnne no mu, na mmom ɔhyɛn ɔsoro ankasa sɛ afei okoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.


Na mihuu abɔfo baasɔn a wogyinagyina Onyankopɔn anim no, na wɔmomaa wɔn ntorobɛnto asɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios