Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 17:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na asuafo no tee no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, na wosuroe yiye.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na asuafoɔ no teeɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, na wɔsuroo yie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Asuafo no tee nne no, wɔbɔɔ hu ma wɔde wɔn anim butubutuw fam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na asuafoɔ no teeɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, na wɔsuroo yie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Asuafoɔ no tee nne no, wɔbɔɔ hu, maa wɔde wɔn anim butubutuu fam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na asuafo no tee no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, na wosuroe yiye.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 17:6
14 Referencias Cruzadas  

Na Dawid maa n’ani so na ohuu AWURADE bɔfo no sɛ ogyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afoa a watwe kura ne nsam, na wateɛ Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanyimfo a wofurafura ayitama no de wɔn anim butubutuw fam.


Ɛnna mesɔre mifi mekɔɔ obon no mu, na hwɛ, AWURADE anuonyam no gyina hɔ sɛ anuonyam a mihui asu Kebar ho no; na mede m’anim mibutuw fam.


Na ade a mihui no su te sɛ ade a mihui a mebae mebɛsɛee kurow no; na ɛyɛ adehu a ɛte sɛ ade a mihui asu Kebar ho no; na mede m’anim mibutuw fam.


Na ogya fii AWURADE anim bɛhyew afɔremuka no so ɔhyew afɔre ne srade no. Na ɔman no nyinaa hui, na wɔde anigye huroe, na wɔde wɔn anim butubutuw fam.


Na ogu so kasa no, hwɛ, omununkum hyerɛnhyerɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!


Na Yesu bae besusoo wɔn mu sɛ: Monsɔre, na munnsuro!


Na mehwee fam, na metee nne bi a ese me sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me?


Na yɛn nyinaa hwehwee ase no, metee nne bi a ɛkasa kyerɛɛ me Hebri kasa mu sɛ: Saulo, Saulo, adɛn nti na wotaa me? Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛto ɔkafo poma ano dade anankoti.


yɛn a yɛne no wɔ bepɔw kronkron no so no tee saa nne yi sɛ efi soro bae.


Na ogyaframa no resɔre afi afɔremuka no so akɔ ɔsoro no, AWURADE bɔfo no foro faa afɔremuka no so gyaframa no mu kɔɔ ɔsoro. Na Manoa ne ne yere hwɛe, na wɔde wɔn anim butubutuw fam.


Na Manoa ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Owu na yɛrebewuwu, sɛ yɛahu Nyankopɔn yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios