Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 15:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔsom me ani so kɛkɛ, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.’ ”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔsom me ani so kɛkɛ, ɛfiri sɛ, wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 15:9
24 Referencias Cruzadas  

Ampa ara, onipa nam sɛ sunsuma kwa. Ampa ara, wɔhaw wɔn ho ohuruhuro ho; wɔhyɛ da so, na wonnim nea ɔbɛboa ano.


Ampa ara, matew me koma ho kwa, na mahohoro me nsa bemdi mu kwa,


Mmɔ Awurade wo Nyankopɔn din kwa, na Awurade remma nea ɔbɔ ne din kwa no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Na Awurade se: Esiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me na wɔde wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma ne me ntam pan, na osuro a wosuro me no ayɛ nnipa ahyɛde a wɔasua nko nti,


me nso nea mɛyɛ mo ni: Mɛma akomatude abɛto mo, samanwaw ne atiridii a ɛbɛma mo aniwa ayɛ siamoo na mo kra atotɔ piti, na mubedua mo adua kwa, na mo atamfo abedi.


na mo tumi asa kwa, na mo asase remma ne nnɔbae, na asase no so nnua rensow aba.


Moaka se: Onyankopɔn som yɛ ɔkwa; na ɛyɛ mfaso bɛn sɛ yɛhyɛ n’ahwɛde na yɛnantew birisi mu, asafo Awurade anim?


Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntie, na monte ase.


Na wɔsɔre me kwa, na wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.


na afei wɔnam so gye mo nkwa no, sɛ muso mu dennen sɛnea mekaa mo asɛmpa no a, anyɛ saa de a, na moagye adi kwa.


Asɛm a merehyɛ mo nyinaa, monhwɛ nni so; mfa bi nka ho na nyi so bi.


nso wonntie anansesɛm ne anato a enni awiei a ɛho wɔ nsɛmmisa mmom sen Onyankopɔn fiehwɛ a ɛwɔ gyidi mu no.


na wɔanyɛ aso amma Yudafo anansesɛm ne nnipa a wɔdan wɔn ho fi nokware ho no ahyɛde.


Mommma nkyerɛkyerɛ horow ne nsɛm foforo mmfa mo nnkyinkyin, na eye sɛ wɔde adom hyɛ koma den, na ɛnyɛ nnuan a wɔn a wodii no nni ho mfaso biara.


Na wo, onipa hunu, wopɛ sɛ wuhu sɛ gyidi a adwuma nni ho awu anaa?


Mebɔ obiara a ɔte nhoma yi mu adiyi nsɛm no kɔkɔ sɛ: Sɛ obi de biribi ka nneɛma yi ho a, Onyankopɔn de ɔhaw horow a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu no bɛka no ho.


Nso Dawid aka sɛ: Ɔkwa ara kwa na mahwɛ oyi ade a ɔwɔ sare so nyinaa so, na nea ɛyɛ ne de nyinaa mu biribiara anyera, nso bɔne na ɔde ahyɛ me papa ananmu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios