Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 15:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Adɛn nti na w’asuafo no nni mpanyimfo atetesɛm no so? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Adɛn nti na w’asuafoɔ no nni mpanimfoɔ atetesɛm no soɔ? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Adɛn nti na wʼasuafo no nni Yudafo amanne so? Yɛn amanne a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wonni so.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Adɛn nti na w’asuafoɔ no nni mpanimfoɔ atetesɛm no soɔ? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni Yudafoɔ amanneɛ so? Yɛn amanneɛ a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wɔnni so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Adɛn nti na w’asuafo no nni mpanyimfo atetesɛm no so? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 15:2
10 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn kae sɛ: Akanea mmra ɔsoro ntrɛwmu no mu, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne ne bere nkyekyem ne nna ne mfe;


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti munni Onyankopɔn ahyɛde so?


Na wohuu n’asuafo bi sɛ wɔde wɔn nsa fi, ɛne sɛ, nsa a wɔanhohoro, redidi.


Ɛnna Farisifo ne kyerɛwfo no bisaa no sɛ: Adɛn nti na w’asuafo no nni mpanyimfo atetesɛm so na wɔde nsa fi didi yi?


Na Farisini no hui sɛ wanhohoro ne nsa ansa na ɔredidii no, ɛyɛɛ no nwonwa.


na menyaa nkɔso Yudafo som mu mesen m’atipɛnfo pii m’abusua mu, na mebɔɔ m’agyanom atetesɛm ho mmɔden bebree ma ɛtraa so.


Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ so, na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum;


sɛ munim sɛ wɔamfa nneɛma a ɛporɔw, dwetɛ anaa sika, annye mo, mo abrabɔ hunu a mo agyanom de maa mo no mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios