Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 15:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Ɛnyɛ nea ɛkɔ anom na egu onipa ho fi, na mmom nea efi anom ba na egu onipa ho fi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ anomu na ɛgu onipa ho fi, na mmom deɛ ɛfiri anomu ba na ɛgu onipa ho fi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛnyɛ ade a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho ntew, na mmom, nea ebefi ne mu aba no na egu ne ho fi.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ anomu na ɛgu onipa ho fi, na mmom deɛ ɛfiri anomu ba na ɛgu onipa ho fi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho nte, na mmom, deɛ ɛbɛfiri ne mu aba no na ɛgu ne ho fi.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Ɛnyɛ nea ɛkɔ anom na egu onipa ho fi, na mmom nea efi anom ba na egu onipa ho fi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 15:11
26 Referencias Cruzadas  

Nnome, nkontomposɛm ne amimdi ahyɛ n’anom ma, na ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase.


Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne koma nta na wɔde kasa.


Hena na woasopa no na woayaw no? Na hena so na woama wo nne so na woama w’ani atra wo ntɔn yi? Wode ahyɛ Israel kronkronni no.


Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntie, na monte ase.


Ɛnna n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wunim sɛ Farisifo no tee asɛm yi no, ato wɔn hintidua?


Biribiara nni onipa ho a ɛkɔ no mu a ebetumi agu ne ho fi.


Minim na migye midi Awurade Kristo mu sɛ biribiara ankasa nyɛ fi; na nea obu biribi fi no, ɔno ara na ɛyɛ fi ma no.


Na Onyankopɔn ahenni nyɛ adidi ne ɔnom, na mmom ɛyɛ trenee ne asomdwoe ne Honhom Kronkron mu anigye.


Aduan nti nsɛe Onyankopɔn adwuma! Nneɛma nyinaa ho tew de, nanso ɛyɛ bɔne ma onipa sɛ odi nea ɛto hintidua.


Wosiw aware ho kwan ka se wontua wɔn ho nnuan a Onyankopɔn bɔe sɛ gyidifo ne wɔn a wɔahu nokware mfa aseda nni bi no.


Ade nyinaa ho tew ma wɔn a wɔn ho tew; na wɔn a wɔn ho aba fi na wonnye nni no de, hwee ho ntew mma wɔn, na mmom wɔn adwene ne wɔn ahonim nyinaa ho aba fi.


Mommma nkyerɛkyerɛ horow ne nsɛm foforo mmfa mo nnkyinkyin, na eye sɛ wɔde adom hyɛ koma den, na ɛnyɛ nnuan a wɔn a wodii no nni ho mfaso biara.


Na wɔkeka ahupoosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a woguan fii wɔn a wɔbɔ nnaadaa mu bra no mu nkyɛe.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios