Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 12:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na mise mo sɛ, nea ɔkyɛn asɔrefi wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na mese mo sɛ, deɛ ɔkyɛne asɔrefie no wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Mereka ama moate ase sɛ, nea ɔkyɛn hyiadan no wɔ ha!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na mese mo sɛ, deɛ ɔkyɛne asɔrefie no wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Mereka ama moate aseɛ sɛ, deɛ ɔkyɛn asɔrefie no wɔ ha!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na mise mo sɛ, nea ɔkyɛn asɔrefi wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 12:6
12 Referencias Cruzadas  

Na so ampa sɛ, Onyankopɔn bɛtena nnipa nkyɛn asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na menne ɔdan yi a masi yi.


Sɛ AWURADE se ni: Ɔsoro yɛ m’agua, na asase yɛ me nan ntiaso, ɔdan bɛn na mubesi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ?


Na eyinom nyinaa, me nsa na ɛyɛe maa eyinom nyinaa bae, AWURADE asɛm ni. Na nea mɛhwɛ no ni: Nea ɔyɛ mmɔbɔ na ne honhom abubu, na ne ho popo m’asɛm ano.


Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.


Anaasɛ monkan mmara no mu sɛnea homeda, asɔfo a wɔwɔ asɔrefi no sɛe homeda nanso woanni ho fɔ no?


efisɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa te nipadua mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios