Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 12:42 - KYERƐW KRONKRON

42 Anafo hɔ hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu, na wabu wɔn fɔ, efisɛ ofi asase ano noho betiee Solomon nyansa; na hwɛ, nea ɔsen Solomon wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

42 Anafoɔ fam hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa; na hwɛ, deɛ ɔsene Salomo wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 Atemmuda no, Sebahemmea bɛsɔre atia ɔman yi, efisɛ ofi asase ano nohɔ betiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso nea ɔsen Salomo no wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

42 Anafoɔ fam hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa; na hwɛ, deɛ ɔsene Salomo wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 Atemmuo da no, Seba Ɔhemmaa bɛsɔre atia ɔman yi ɛfiri sɛ, ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso, deɛ ɔsene Salomo no wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

42 Anafo hɔ hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu, na wabu wɔn fɔ, efisɛ ofi asase ano noho betiee Solomon nyansa; na hwɛ, nea ɔsen Solomon wɔ ha.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 12:42
22 Referencias Cruzadas  

Na asase nyinaa hwehwɛɛ Solomon anim ahu, sɛ wobetie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne koma mu no.


hwɛ, mayɛ sɛ w’asɛm no se. Hwɛ, mama wo nyansa ne nhumu koma a obiara a odii w’anim nte sɛ wo, na w’akyi nso obi rensɔre a ɔsɛ wo.


Na Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene bui no, wosuroo ɔhene anim, efisɛ wohui sɛ Onyankopɔn nyansa wɔ no mu a ɔde bu atɛn.


Enti ma w’akoa koma a etie, na memfa mimmu wo man atɛn, na minhu papa ne bɔne mu, na hena na obetumi abu ɔman duruduru yi atɛn?


Na Onyankopɔn maa Solomon nyansa ne nhumu bebree pa, ne adwene a emu trɛw sɛ mpoano nwea.


Na amanaman nyinaa mu bi bae sɛ wobetie Solomon nyansa, wofi asase so ahene a wɔtee ne nyansa no nyinaa nkyɛn bae.


Na AWURADE maa Solomon nyansa sɛnea ɔhyɛɛ no ase no; na ɔmannwoe daa Hiram ne Solomon ntam, na wɔn baanu pamee.


Enti Awurade ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo babanin, na wato no din Imanuel ase ne: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.


Niniwe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu na wɔabu wɔn fɔ, efisɛ wɔsakraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha.


Na mise mo sɛ, nea ɔkyɛn asɔrefi wɔ ha.


Na ogu so kasa no, hwɛ, omununkum hyerɛnhyerɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!


Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.


Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.


Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Na enni po agya nso na woaka sɛ: Hena na obetwa po ama yɛn akɔfa abrɛ yɛn ama yɛate ayɛ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios