Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 11:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Nokware mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsen Yohane suboni; nanso nea ɔyɛ aketewa koraa ɔsoro ahenni mu no yɛ kɛse sen no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Nokorɛ mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsene Yohane suboni; nanso deɛ ɔyɛ ketewa koraa wɔ ɔsoro ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nokware ni, nnipa a mmea awo wɔn nyinaa mu, obiara nni hɔ a wagye din sɛ Osuboni Yohane. Nanso nea ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahenni mu no yɛ ɔkɛse sen no!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Nokorɛ mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsene Yohane suboni; nanso deɛ ɔyɛ ketewa koraa wɔ ɔsoro ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nokorɛ nie, nnipa a mmaa awo wɔn nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sene Yohane Osubɔni. Nanso, deɛ ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahennie mu no yɛ ɔkɛseɛ sene no!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Nokware mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsen Yohane suboni; nanso nea ɔyɛ aketewa koraa ɔsoro ahenni mu no yɛ kɛse sen no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 11:11
31 Referencias Cruzadas  

Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no;


Hena na obenya ɔhotefo, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.


Hefo ne adasamma, na wɔn ho bɛtew, anaa wɔn a ɔbea awo wɔn no bɛteɛ?


Ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no ho bɛtew?


Hwɛ, wɔwoo me amumɔyɛ mu, na bɔne mu na me na nyinsɛn me.


Na ɔsram hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho asɔn, sɛ nnansɔn hann, ɛda a AWURADE bɛkyekyere ne man bubu na wasa ne hwe ano akuru no.


Ɛda no, Awurade bɛwowaw Yerusalemfo, na wɔn mu nea wahodwow ɛda no bɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fi bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade bɔfo a odi wɔn anim.


Oyi ne nea wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfo adi w’anim a obesiesie w’anim kwan.


Na efi Osuboni Yohane bere so besi nnɛ, wɔyɛ ɔsoro ahenni ho ade anibere so, na wɔn a wɔn ani abere no fa no anuɔden so.


Na nna no mu no, Yohane suboni no ba bɛkaa asɛm Yudea sare so


Me de, mebɔ mo asu nsu mu kɔ adwensakra mu, na nea odi m’akyi reba no de, ne ho yɛ den sen me; ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


Enti obiara a ɔbɛto mmara mu nsɛm nketewa yi mu biako na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa ɔsoro ahenni mu; na obiara a obedi so na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, ɔno na wɔbɛfrɛ no kɛse ɔsoro ahenni mu.


Efisɛ ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afi ne na yam po.


Mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn no mu biara nyɛ kɛse nsen Yohane; nanso nea ɔyɛ akumaa Onyankopɔn ahenni mu no yɛ kɛse sen no.


na osee wɔn sɛ: Obiara a obegye abofra yi me din mu no, wagye me; na obiara a obegye me no, na wagye nea ɔsomaa me no. Na nea ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔkɛse.


(Yohane dii ne ho adanse, na ɔteɛɛm sɛ: Oyi ne nea mekae sɛ: Nea odi m’akyi reba no, wadi m'anim, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.)


Ɔno ne nea odi m’akyi reba a mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama mpo.


Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkae sɛ: Yohane anyɛ sɛnkyerɛnne bi de, nanso nneɛma a Yohane kae wɔ oyi ho nyinaa no yɛ nokware.


Ɔno de, etwa sɛ ɔdɔre, na me de, me so huan.


Ɔno ne kanea a ɛdɛw na ɛhyerɛn; na mo de, mopɛe sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.


Na eyi de, ɔkae Honhom a wɔn a wogye no di rebenya no ho; na Honhom no nnya mmae, efisɛ wonnya nhyɛɛ Yesu anuonyam.


Na mene asomafo no mu akumaa a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo mpo, efisɛ metaa Onyankopɔn asafo no;


Na sɛ mowɔ asetena yi mu nneɛma ho nsɛm a, wɔn a wommu wɔn asafo no mu no na mode wɔn yɛ baguafo?


Wɔn mu na anka kan no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso.


Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufo,


na afei wɔnam yɛn agyenkwa Kristo Yesu ahoyi so ayi adi no ho. Ɔno na wayi owu hɔ, na ɔnam asɛmpa no so ayi nkwa ne ade a ɛmporɔw adi hann.


efisɛ Onyankopɔn asiesie biribi a eye kyɛn so asie yɛn, na wɔankwati yɛn anyɛ wɔn pɛ.


Saa nkwagye no na adiyifo a wɔhyɛɛ adom a ɛbɛba mo so no ho nkɔm de too hɔ no pepɛe na wɔpɛɛpɛɛ mu.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka ni: Mekae ampa sɛ: Wo fi ne w’agya ofi nnantew m’anim daa; nanso afei nea AWURADE ka ni: Ɛmpare me koraa! Na wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios