Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 10:42 - KYERƐW KRONKRON

42 Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu biako nsuonwini kuruwa ma osuani din mu no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

42 Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu baako nsuonwunu kuruwa ma osuani din mu no, nokorɛ mese mo sɛ, n’akatua remmɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifo yi mu akumaa bi nsu anom no, onii no akatua remmɔ no da.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

42 Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu baako nsuonwunu kuruwa ma osuani din mu no, nokorɛ mese mo sɛ, n’akatua remmɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifoɔ yi mu akumaa bi nsuo anom no, onii no akatua remmɔ no da.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

42 Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu biako nsuonwini kuruwa ma osuani din mu no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 10:42
21 Referencias Cruzadas  

Na ɔrekɔ akɔsaw no, frɛɛ no sɛ: Fa abodoo afono ma kura wo nsam brɛ me.


ma yɛnyɛ abansoro fasu mu pia ketewa bi, na yɛmfa mpadua ne ɔpon ne agua ne kaneadua nsisi hɔ mma no, na sɛ ɔba yɛn nkyɛn a, waman akɔ hɔ.


Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm AWURADE, na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.


saa na bu nyansa ma wo kra, sɛ wuhu a, ɛso ade bɛba daakye, na w’anidaso no, ɛrenyɛ ɔkwa.


Tow w’abodoo gu nsu ani, na daakye bi wubehu.


Afoa, sɔre hyɛ me guanhwɛfo ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo Awurade asɛm ni; bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no mpete, na mɛdan me nsa aba nkumaa no so.


Monhwɛ, na moammu nkumaa yi mu biako abomfiaa; na mise mo sɛ ɔsoro no, wɔn abɔfo hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


Saa ara na ɛnyɛ mo agya a ɔwɔ soro no apɛde sɛ nkumaa yi mu biako bɛyera.


Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moyɛ maa me.


Anka eye ma no sɛ wɔde owiyammo kyekyere ne kɔn mu kɔtow no kyene po mu sen sɛ ɔbɛto nketewa yi mu biako hintidua.


Na monnɔ mo atamfo, na monyɛ wɔn yiye na momfɛm wɔ nea ani nni biribi so, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ nea ɔwɔ sorosoro no mma, efisɛ ɔno de, oye ma bonniayɛfo ne nnipa bɔne.


Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.


Efisɛ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ, a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios