Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 10:22 - KYERƐW KRONKRON

22 Na me din nti nnipa bɛtan mo; na nea obegyina ano akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo; na deɛ ɔbɛgyina ano akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Me nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso nea obetumi agyina pintinn akosi awiei no na wobegye no nkwa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo; na deɛ ɔbɛgyina ano akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Me enti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, deɛ ɔbɛtumi agyina pintinn akɔsi awieeɛ no, wɔbɛgye no nkwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na me din nti nnipa bɛtan mo; na nea obegyina ano akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 10:22
30 Referencias Cruzadas  

Na nea obegyina mu akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.


Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no.


Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.


Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo. Na nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.


Nea ne nsa aka ne kra no, ebefi ne nsa, na nea me nti ne kra fii ne nsa no, ne nsa bɛka.


Anuanom, wiase tan mo a, mommma ɛnnyɛ mo nwonwa.


Ɛnna wobeyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo; na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ anuonyam ne nidi ne ade a ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn daa nkwa;


Na yeyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmiako mmiako yi saa mmɔdemmɔ yi adi kyerɛ wɔ anidaso a akyinnye nni mu koraa mu de kodu awiei,


Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.


Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.


Nhyira ne mo sɛ nnipa kyi mo, na woyi mo fi wɔn mu, na wɔyaw mo, na wɔbɔ mo dimmɔne onipa ba no nti.


Efisɛ yɛn a yɛte ase yi, daa Yesu nti woyi yɛn ma owu, na Yesu nkwa nso ada adi yɛn honam a ebewu no mu.


Nhyira ne mo sɛ wɔyaw mo na wɔtaa mo, na me din nti wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafo no: Nea odi nkunim no, mɛma no mana a ahintaw no bi adi, na mɛma no ɔbo fitaa, na ɔbo no so na wɔakyerɛw din foforo a obiara nnim, sɛ nea onya no.


Wiase ntumi ntan mo; na me na ɛtan me, efisɛ midi adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.


Na asase pa mu de no ne wɔn a wɔde koma pa a eye te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu sow aba.


Nea odi nkunim no, mɛma ɔne me atena m’ahengua so, sɛnea me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahengua so no.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafotow no: Nea odi nkunim no, mɛma no nkwadua a esi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.


Nanso sɛnea yɛfii ase de yɛn ho too so no, yɛso mu pintinn kosi awiei a, yɛne Kristo bɛyɛ biako


Na nea odi nkunim ne nea okura me nnwuma kosi ase no, mɛma no amanaman so tumi,


Na me na mɛkyerɛ no amane pii a me din nti ɛsɛ sɛ ohu.


Na wowɔ boasetɔ, na me din nti woahu amane nanso woampa abaw.


Treneefo akyide ne onipa busufo, na ɔbɔnefo akyide ne nea ne kwan yɛ tee.


Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo.


Mo boasetɔ mu na mubenya mo kra.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios