Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 1:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Na sɛnea Yesu Kristo awo te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef asiwayere, na wonnya nhyiaa mu no, wohui sɛ ɔyem nea efi Honhom Kronkron mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Na sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ teɛ nie: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ asiwayere, na wɔnnya nhyiaa mu no, wɔhunuu sɛ ɔnyem deɛ ɛfiri Honhom Kronkron mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Sɛnea Yesu Kristo awo ho nsɛm te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ ɔnware no, nanso ansa na wobehyia mu sɛ awarefo no, ohuu sɛ wanyinsɛn; nea efi Honhom Kronkron.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Na sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ teɛ nie: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ asiwayere, na wɔnnya nhyiaa mu no, wɔhunuu sɛ ɔnyem deɛ ɛfiri Honhom Kronkron mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ ho nsɛm teɛ nie: Wɔde ne maame Maria maa Yosef sɛ ɔnware no, nanso ansa na wɔbɛhyiam sɛ awarefoɔ no, ɔhunuu sɛ wanyinsɛn deɛ ɛfiri Honhom Kronkron.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na sɛnea Yesu Kristo awo te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef asiwayere, na wonnya nhyiaa mu no, wohui sɛ ɔyem nea efi Honhom Kronkron mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 1:18
13 Referencias Cruzadas  

Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.


Hena na obenya ɔhotefo, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.


Hefo ne adasamma, na wɔn ho bɛtew, anaa wɔn a ɔbea awo wɔn no bɛteɛ?


Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awo ntoatoaso.


Na ogu so kasa kyerɛ nkurɔfo akuwakuw no, hwɛ, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛe sɛ wɔne no kasa.


Na wɔkɔɔ dan no mu no, wohuu abofra no ne ne na Maria, na wɔkotow sɔree no; na wobuee wɔn fotow so yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne aduhuam ne kurobow.


Sɛnea Awurade ayɛ me, nna a wabɛhwɛ me sɛ obeyi m’ahohora afi nnipa mu no, ni.


kɔkyerɛw ɔne ne siyere Maria a n'awo abɛn no din.


Sɛ wɔde abofra a ɔyɛ ɔbaabun ma ɔbarima bi aware, na ɔbarima bi hu no kurow mu na ɔne no da a,


Enti ɔreba wiase no, ɔka sɛ: Afɔre ne ayɛyɛde, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me.


Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn ɔsoro.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios