Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 9:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na omununkum bi bae bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba, muntie no!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na mununkum bi ba bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba, montie no!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na omununkum bɛkataa wɔn so. Nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Dɔba. Muntie no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na mununkum bi ba bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba, montie no!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na omununkum bɛkataa wɔn so. Ɛnne bi firii omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba. Montie no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na omununkum bi bae bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba, muntie no!

Ver Capítulo Copiar




Marko 9:7
41 Referencias Cruzadas  

Na mɛka no nea AWURADE ahyɛ no, AWURADE ase me sɛ: Meba ne wo, ɛnnɛ na mawo wo.


Omununkum ne sum atwa ne ho ahyia, trenee ne atemmu ne n’ahengua nnyinaso.


Na AWURADE anuonyam bɛtenaa Sinai bepɔw so, na omununkum no kataa so nnansia, na ɛda a ɛto so ason no, ofi omununkum no mu frɛɛ Mose.


Ɛnna omununkum no bɛkataa ahyiae ntamadan no so, na AWURADE anuonyam bɛhyɛɛ tenabea no ma.


Yiw, ɔde ne ho too Nyankopɔn so; afei sɛ ɔpɛ no a, ma onye no ɛ; efisɛ ɔkae sɛ: Onyankopɔn ba ne me!


Na asraafo ha so panyin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no huu asasewosow ne nneɛma a esisii no, wosuroe pii kae sɛ: Ampa ara Onyame ba ni!


Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.


Na ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!


Na onnim asɛm a ɔnka mpo; efisɛ na wosuro yiye.


Na amonom hɔ ara, wototoo wɔn ani no, wɔanhu obiara sɛ Yesu nko ara ne wɔn.


na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ aborɔnoma baa no so, na ɛnne bi fi soro kae sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.


Na mahu na madi adanse sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no.


Natanael bua see no sɛ: Rabi, woyɛ Nyankopɔn ba, wone Israel hene.


Agya, hyɛ wo din anuonyam! Ɛnna ɛnne bi fi soro bae sɛ: Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio!


Yudafo no buaa no sɛ: Yɛn de, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti etwa sɛ owu, efisɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba.


Na eyinom na wɔakyerɛw sɛ munnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba, na mugye di a, moanya nkwa ne din mu.


Na eyi mmom nti afei Yudafo no hwehwɛe sɛ wokum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom sɛ ɔfrɛ Onyankopɔn n’ankasa n’Agya de yɛ ne ho sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ.


Na Agya no a ɔsomaa me no ankasa adi me ho adanse. Moante ne nne ara da, nso moanhu ne suban;


na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Nyankopɔn kronkronni no.


Yesu tee sɛ wɔapam no afi adi; na ohuu no no, ɔkae sɛ: Wugye Onipa Ba no di anaa?


Na ɔkaa eyinom wiei na wɔrehwɛ no no, wɔmaa no so, na omununkum gyee no fii wɔn anim.


Oyi ne Mose a ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ: Odiyifo a ɔte sɛ me na Onyankopɔn bɛma no so mo nuanom mu ama mo.


Na wɔnam kwan so rekɔ no, wokoduu asu bi ho, na opiani no kae sɛ: Hwɛ, nsu ni; ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?


na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Onyankopɔn Ba, ahotew honhom fam, awufo sɔre mu; ɔne Yesu Kristo, yɛn Awurade


Eyi nti ɛsɛ sɛ yeso nneɛma a yɛate no mu den ma no boro so, na yɛamfi ho da bi.


Na onyaa nidi ne anuonyam fii Agya Onyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi fii anuonyam a ɛsɛ ɔkɛse no baa no so sɛ: Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ m’ani no,


Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Hwɛ, ɔnam amununkum mu reba, na aniwa nyinaa behu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no peaw no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho abubuw. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios