Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 9:43 - KYERƐW KRONKRON

43 Na sɛ wo nsa to wo hintidua a, twa! Eye ma wo sɛ wode basasin bɛkɔ nkwa mu, sen sɛ wowɔ nsa abien na wode bɛkɔ amanehunu kurom, ogya a ennum da no mu,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

43 Na sɛ wo nsa to wo suntidua a, twa! Ɛyɛ ma wo sɛ wode basasini bɛkɔ nkwa mu, sene sɛ wowɔ nsa mmienu na wode bɛkɔ amanehunu kurom, ogya a ɛrennum da no mu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode dɛmdi bɛkɔ nkwa mu sen sɛ, wɔde wo nipadua nyinaa bɛto amanehunu gya

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

43 Na sɛ wo nsa to wo suntidua a, twa! Ɛyɛ ma wo sɛ wode basasini bɛkɔ nkwa mu, sene sɛ wowɔ nsa mmienu na wode bɛkɔ amanehunu kurom, ogya a ɛrennum da no mu,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ nkwa mu sene sɛ, wode wo onipadua nyinaa bɛto amanehunu ogya

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Na sɛ wo nsa to wo hintidua a, twa! Eye ma wo sɛ wode basasin bɛkɔ nkwa mu, sen sɛ wowɔ nsa abien na wode bɛkɔ amanehunu kurom, ogya a ennum da no mu,

Ver Capítulo Copiar




Marko 9:43
23 Referencias Cruzadas  

na ɔkyɛee so na wannyaa mu, na ɔma ɛkaa ne dodom a,


Na ɔhoɔdenfo bɛyɛ sɛ asaawa mfuturu, na n’adwuma ayɛ sɛ ogya nturuturuwii, wɔ ne wɔn nnwuma nyinaa bɛhyew, a obiara rennum.


Muntwitwa mo ho twetia mma AWURADE, na munyi mo koma momonoto, Yuda mmarima ne Yerusalemfo, anyɛ saa a m’abufuw befi sɛ ogya abɛhyew a obi nni hɔ a obedum, mo nsɛnnii mu bɔne nti.


Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn hintidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kan no, wubue n’anom a, wubehu dwetɛbona wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne wo.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu!


Ɔno na ne nhuwso apaawa kita ne nsam, na ɔbɛpra awiporowee hɔ fitaa, na waboaboa n’awi ano akogu san so, na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew.


Na me de, mise mo sɛ obiara a ne bo fuw ne nua no bedi atemmu mu fɔ; na obiara a obese ne nua sɛ: Raka. Onipa hunu no bedi fɔ mpanyimfo atitiriw no asɛnnii. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea, no bedi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


[nea wɔn aboaa nnwu na ogya no nnum]


Na wotow pon a, frɛ ahiafo, mmubuafo, mpakye ne anifuraefo,


Na akoa no bae bɛkaa nsɛm no kyerɛɛ ne wura. Ɛnna ofiwura no bo fuwii, na osee n’akoa no sɛ: Fi adi ntɛm kɔ kurow no mmɔnten ne mprama so, na kɔfa ahiafo, mmubuafo, anifuraefo ne mpakye bra!


Ɔno na ne nhuwso apaawa kita ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowee hɔ fitaa, na waboaboa awi no ano agu ne san so, na ntɛtɛwa no de, ɔde gya a ennum da bɛhyew.


Na sɛ mote ase honam fam a, mubewu; na sɛ monam honhom no mu kum nipadua no nneyɛe a, mobɛtena ase.


na mmom mehyɛ me nipadua yaw, na midi no nya, na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa wayi me tokyene.


Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu de abɔ ɔhonam ne ne nhyɛsode ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu.


Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: Aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom.


Atetew yɛn sɛ, sɛ, yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa ntena wiase bere yi mu


Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo pii a wɔte sɛ mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho hyia siw yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansi a ɛda yɛn anim no mu mmirika,


Enti munyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nseku nyinaa ntotow ngu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios