Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 9:3 - KYERƐW KRONKRON

3 na n’atade hyerɛn fitafita a asase so ntamasifo biara ntumi nhoa no saa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na n’atadeɛ hyerɛnn fitafita a asase so ntomasifoɔ biara ntumi nhoa no saa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nʼatade hyerɛn yɛɛ fitafita sen sɛnea obi betumi ahoro saa atade no ama ayɛ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 na n’atadeɛ hyerɛnn fitafita a asase so ntomasifoɔ biara ntumi nhoa no saa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nʼatadeɛ hyerɛn yɛɛ fitafita sene sɛdeɛ obi bɛtumi ahoro saa atadeɛ no ama ayɛ fitaa no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na n’atade hyerɛn fitafita a asase so ntamasifo biara ntumi nhoa no saa.

Ver Capítulo Copiar




Marko 9:3
13 Referencias Cruzadas  

Fa adwerɛ yi me ho bɔne, na me ho afi, guare me, na mayɛ fitaa asen nsukyerɛma.


Otumfo bɔ ahemfo gu asase no so a, ɛhoa sɛ nsukyerɛma, Salmon so.


Mommra mma yensusuw ho ɛ, AWURADE na ose; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa ayɛ sɛ nwera, sɛ ɛbere kɔɔ sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akado.


Na ne ho te sɛ anyinam, na n’atade hoa sɛ asukɔtwea.


Na Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, a na wɔne Yesu rekasa.


Na ɔrebɔ mpae no, n’anim tebea sakrae, na n’atade yɛɛ fitaa, na ɛharanee.


Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu ara, na merebɔ nnɔn abiɛsa mu mpae wɔ me fi; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn begyinaa m’anim,


mmedi ahene nam ne asafohene nam ne atumfo nam, ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so nam, adehye ne nkoa, ne nketewa ne akɛse nyinaa nam.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wunim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.


Eyinom akyi no mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmuasuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios