Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 9:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na obisaa n’agya sɛ: Nna ahe ni a eyi yɛɛ no? Na ɔkae sɛ: Efi ne mmofraase;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na ɔbisaa n’agya sɛ: Nna ahe ni a yei yɛɛ no? Na ɔkaa sɛ: Ɛfiri ne mmɔfraase;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu bisaa abarimaa no agya se, “Nnaahe ni a ɔyare yi baa ne so?” Abarimaa no agya buaa Yesu se, “Efi ne mmofraase pɛɛ;

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na ɔbisaa n’agya sɛ: Nna ahe ni a yei yɛɛ no? Na ɔkaa sɛ: Ɛfiri ne mmɔfraase;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu bisaa abarimaa no agya sɛ, “Nna ahe ni a yadeɛ yi baa ne so?” Abarimaa no agya buaa Yesu sɛ, “Ɛfiri ne mmɔfraase pɛɛ;

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na obisaa n’agya sɛ: Nna ahe ni a eyi yɛɛ no? Na ɔkae sɛ: Efi ne mmofraase;

Ver Capítulo Copiar




Marko 9:21
15 Referencias Cruzadas  

Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no;


Na wɔwoo onipa maa ɔhaw, sɛ ogyaframa tutu kɔ soro no.


Hwɛ, wɔwoo me amumɔyɛ mu, na bɔne mu na me na nyinsɛn me.


Na ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien,


Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ohuu no no, ntɛm ara na honhom no ma osinsenee, na ɔhwee ase, na obu faa so, na n’ano poo ahuru.


na ɛtaa ka no to ogya ne nsu mu sɛ ebekum no; na sɛ wubetumi ayɛ biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn!


Na hwɛ, ɔbea yi a ɔyɛ Abraham babea a Satan akyekyere no mfirihyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsan no fi ɔhaw yi mu homeda?


Na ɔbea bi a mogya tu no mfirihyia dumien na obiara antumi ansa no yare


Na ɔretwam no, ohuu onipa bi a n’ani afura fi n’awo mu.


Na ɔbarima bi wɔ Listra a ontumi nnyina n’anan so, na ɔte hɔ, ɔyɛ obubuafo fi ne na yam, na ɔnnantewee da.


Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuafo fi ne na yam, a daa wɔde no bɛto asɔrefi pon a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefi no hɔ no mmɔborohunu ade;


Na onipa a wɔyɛɛ ayaresa sɛnkyerɛnne yi wɔ ne ho no adi boro mfirihyia aduanan.


Na obehuu onipa bi a ne din de Enea a wadi mfirihyia awotwe ne kɛtɛ so a ɔyare mmubui wɔ hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios