Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 8:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔhyɛɛ nkurɔfokuw no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa abodoo ason no daa ase bubui, na ɔde maa asuafo no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn; na wɔkyɛ maa nkurɔfokuw no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔhyɛɛ nkurɔfokuo no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa paanoo nson no daa ase bubui, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma wɔn; na wɔkyɛ maa nkurɔfokuo no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se wɔntenatena ase wɔ sare no so. Afei ɔfaa brodo ason no, na ohyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyɛ maa nnipa no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔhyɛɛ nkurɔfokuo no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa paanoo nson no daa ase bubui, na ɔde maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma wɔn; na wɔkyɛ maa nkurɔfokuo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ wɔntenatena ase wɔ ɛserɛ no so. Afei, ɔfaa burodo nson no, na ɔhyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyɛ maa nnipa no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔhyɛɛ nkurɔfokuw no sɛ wɔntenatena fam. Na ɔfaa abodoo ason no daa ase bubui, na ɔde maa asuafo no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn; na wɔkyɛ maa nkurɔfokuw no.

Ver Capítulo Copiar




Marko 8:6
18 Referencias Cruzadas  

Na wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ohyiraa so bubuu mu de maa asuafo no sɛ: Munnye nni; eyi ne me honam.


Mibubuu ason no memaa mpemnan no, mporoporowa nkɛntɛn ma ahe na motasee? Ɛnna wose: Asɔn.


Na obisaa wɔn sɛ: Abodoo ahe na mowɔ? Na wɔkae sɛ: Asɔn.


Na wɔwɔ mpataa kakraa bi; na ohyiraa so kae sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn.


Nhyira ne nkoa no a owura no ba a, ɔbɛto wɔn sɛ wɔrewɛn. Nokware mise mo sɛ, ɔbɛbɔ n'abɔso, na wama wɔatena adidii, na waba abɛsom wɔn.


Na ɛbae sɛ ɔne wɔn te adidii no, ɔfaa abodoo hyiraa so, na obubui de maa wɔn.


Na ne na see asomfo no sɛ: Biribiara a obese mo no, monyɛ!


Na akorow foforo fii Tiberia baa faako a Awurade daa ase na wodii abodoo no hɔ;


Nea odwen da bi ho no, odwen ma Awurade. Nea odidi no, odidi ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase; na nea onnidi no, onnidi de ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase.


Na biribiara a moyɛ no asɛm mu anaa adwuma mu, monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa no so nna agya Onyankopɔn ase.


Mudu kurow no mu ara pɛ a, mubehu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔmmea hɔ akodidi; efisɛ ɔman no nnidi kosi sɛ ɔbɛba: Na ɔno na ohyira afɔre no so ansa na wɔn a wɔahyia wɔn no adidi. Enti momforo nkɔ, na ɛnnɛ ara na mubehu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios