Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 7:22 - KYERƐW KRONKRON

22 ayerefasɛm, aniberesɛm, amumɔyɛ, nsisi, ahohwi, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 ayerefasɛm, aniberebereɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 ayefasɛm, amumɔyɛ, asisi, ahohwi, anibere, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 ayerefasɛm, aniberebereɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 adifudepɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibereɛ, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 ayerefasɛm, aniberesɛm, amumɔyɛ, nsisi, ahohwi, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.

Ver Capítulo Copiar




Marko 7:22
26 Referencias Cruzadas  

Na ne saa nti Babel mmapɔmma akyeame a wɔsomaa wɔn ne nkyɛn sɛ wommebisa anwonwade a ɛyɛe asase no so no bae no, Onyankopɔn gyaw no sɛ ɔresɔ no ahwɛ na wahu ne koma mu nyinaa.


Ɔbɔnefo dwa n’anom ka sɛ: Hwee mfa me ho. Onyankopɔn bi nni baabi. N’adwene nyinaa ne no.


Kom me koma kɔ w’adansesɛm so, na ɛnyɛ sikanibere so.


Onipa nitewfo kora nimdeɛ so, na nkwasea koma pae agyimisɛm mu.


Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho, nteɛso abaa bɛma afi ne ho.


Nni nea ɔwɔ ani bɔne aduan, na mma n’adɔkɔdɔkɔde nnnɔ wo kɔn.


Agyimisɛm tirimmɔ yɛ bɔne, na nnipa akyide ne ɔfɛwdifo.


Sɛ wode ɔwɔmma siw ogyimifo ɔwaduru mu fra awi mu mpo a, n’agyimisɛm remfi ne ho.


Oniberefo pere ahonya ho, na onhu sɛ ohia bɛba no so.


Mede me koma nso mikyinii sɛ mehu na mapee mu na mahwehwɛ nyansa ne adwempa, na mahu abɔnefosɛm sɛ ɔkwaseayɛ, ne nkwaseasɛm sɛ adammɔ.


Yɛato AWURADE mmara atwa no nkontompo, na yɛapa yɛn Nyankopɔn akyi; yɛkasa nhyɛso ne mfomso kasa, yesusuw atosɛm wɔ koma mu yi no adi.


Wɔn anan tutu mmirika kɔyɛ bɔne, na wɔyɛ ntɛm kohwie mogya a edi bem gu; wɔn adwene yɛ abusudwene, ɔsɛe ne obubu wɔ wɔn atempɔn mu.


Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔnedifo pa ara, hena na obenya mu ahuye?


anaasɛ minni ho kwan sɛ mede me ara m’ade meyɛ nea mepɛ anaa? Sɛ me yam ye nti na w’ani abere yi?


Na sɛ w’ani nye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yiye.


Na nnipa mu, ne wɔn komam, na adwemmɔne fi ba: Aguamansɛm, awifosɛm, awudisɛm,


Nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na egu onipa ho fi.


ne biribiara a ɛkorɔn a wɔma so de ne Nyankopɔn nimdeɛ di asi, na yɛafa adwene nyinaa nnommum de ayɛ setie ama Kristo,


Hwɛ yiye na wo komam amma ahuhusɛm bi sɛ: Afe a ɛto so asɔn, adekyɛ afe no abɛn: Na woannya wo nua hiani no ho ani bɔne sɛ woremma no hwee, na wanteɛm amfrɛ AWURADE anhyɛ wo, na annan wo bɔne.


Ɔbarima a ɔyɛ mmerɛw na ɔkokɔ ne ho wɔ wo mu benya ne nua ne ne kokom yere ne ne mma nkae a wama aka no ho anibɔne,


Wo mu ɔbea nso a ɔyɛ mmerɛw na ɔkokɔ ne ho a ahokokɔ ne mmerɛwyɛ nti ɔnsɔ nhwɛe pɛn sɛ ɔde ne nan besi fam no benya ne kokom kunu ne ne babarima ne ne babea ho anibɔne,


Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ siw nnipa a wonni adwene no nkwaseasɛm ano,


Saa ara na mo mmabun nso, momfa mo ho nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios