Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 4:39 - KYERƐW KRONKRON

39 Na Yesu teɛteɛɛ mframa no, na osee po no sɛ: Mua w’ano, yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

39 Na Yesu sɔre teateaa mframa no, na ɔsee ɛpo no sɛ: Mua w’ano; yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn koraa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Ɔsɔre teɛteɛɛ mframa no ka kyerɛɛ po no se, “Yɛ komm!” Mframa no gyaee, na po no yɛɛ komm!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

39 Na Yesu sɔre teateaa mframa no, na ɔsee ɛpo no sɛ: Mua w’ano; yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn koraa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Ɔsɔre teateaa mframa no ka kyerɛɛ ɛpo no sɛ, “Yɛ dinn!” Mframa no gyaeeɛ, na ɛpo no yɛɛ dinn!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

39 Na Yesu teɛteɛɛ mframa no, na osee po no sɛ: Mua w’ano, yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn.

Ver Capítulo Copiar




Marko 4:39
21 Referencias Cruzadas  

na mekae sɛ: Ɛha yi na bra bedu, na ntra so, na ɛha ara na w’asorɔkye ahantan mmɛso no?


Ɔmaa ahum no yɛɛ komm, na asorɔkye no yɛɛ konii.


Ogya ne amparuwbo, sukyerɛma ne huruhurow, ahum a ɛyɛ nea n’asɛm se:


AWURADE tenaa nsu a ayiri so, na AWURADE bɛtena hɔ sɛ ɔhene daa.


Woma ɛpo huuyɛ, emu asorɔkye huuyɛ gyae, na woma amanaman kitikitiyɛ ano dwo.


Wo na wudi po mpatabiribiriyɛ so, sɛ n’asorɔkye sɔre a, wo na wudwudwo ano.


Na wo de, ma wo poma no so, na teɛ wo nsa ɛpo no so, na bae mu, na Israelfo no nnantew asase kesee so mfa po no mfinimfini.


Na Israelfo no nam asase kesee so faa ɛpo no mfinimfini, na nsu no yɛɛ wɔn ɔfasu wɔn nifa ne wɔn benkum.


otwaa ɛpo hye, na nsu antra, na ɔde asase nhyɛase too hɔ no,


So munsuro me? AWURADE asɛm ni; anaasɛ mo bo ntu m’anim? Me a mede anwea mitwa po ano hye, daa ɔhye a entumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkye bɔ a, entumi no, na sɛ ehuru sɛ dɛn ara a, entumi ntra.


Na Awurade rentow nkyene daa;


Ɔteɛteɛ ɛpo ma ɛyow, na ɔma nsuten nyinaa mem; Basan ne Karmel twintwam, Lebanon nhwiren nso twintwam;


Na osee wɔn sɛ: Mo a mo gyidi sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne ɛpo no, na ɛyɛɛ dinn.


Na ɔno de, ɔwɔ ɔkorow no to ada sumii so. Ɛnna wonyan no see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛremem yi, ɛmfa wo ho anaa?


Na Yesu hui sɛ nkurɔfokuw no de mmirika reba no, ɔteɛteɛɛ honhom fi no sɛ: Wo honhom mum ne sotifo, mehyɛ wo sɛ, fi no mu, na nsan nkɔ ne mu bio!


Na Yesu teɛteɛɛ no sɛ: Mua w’ano, na fi no mu kɔ! Na honhommɔne no bɔɔ no hwee mfinimfini hɔ fii no mu kɔe, na wanyɛ no hwee.


Na obegyinaa n’atifi teɛteɛɛ atiridii no, na egyaa no. Na amonom hɔ ara ɔsɔre bɛsom wɔn.


Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Owura, owura, yɛreyera! Na ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne nsu a ɛworo so no; na egyae yɛɛ dinn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios