Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 3:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na Yesu ne n’asuafo no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuw pii fi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wofi Yudea,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Na Yesu ne n’asuafoɔ no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuo pii firi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wɔfiri Yudea,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yesu ne nʼasuafo no fii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifi Galilea, Yudea, Yerusalem,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na Yesu ne n’asuafoɔ no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuo pii firi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wɔfiri Yudea,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yesu ne nʼasuafoɔ no firii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifiri Galilea, Yudea, Yerusalem,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na Yesu ne n’asuafo no twee wɔn ho kɔɔ mpoano; na nnipakuw pii fi Galilea dii n’akyi, na wɔn a wofi Yudea,

Ver Capítulo Copiar




Marko 3:7
20 Referencias Cruzadas  

Na sɛ wɔtaa mo kurow yi mu a, munguan nkɔ foforo mu; na nokware mise mo sɛ, morenwie Israel nkurow nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.


Na Yesu hui no, ɔtwee ne ho fii hɔ, na nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yare.


Na ɔbraa wɔn sɛ wonnyi no adi,


Na nkurɔfo akuwakuw pii a wofi Galilea ne Dekapoli no mu ne Yerusalem ne Yudea ne Yordan agya dii n’akyi.


Na ɔkɔ kɔkaa asɛm wɔ wɔn hyia adan mu Galilea nyinaa, na otutuu ahonhommɔne.


Na ɔno de, ofii adi no, ofii ase kekaa no pii na ɔmaa asɛm no trɛwee, na enti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kurow biara mu bio; na mmom ɔtenaa sare so hɔnom baabi, na wofi mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.


Na ɔbaa fie. Na nkurɔfokuw behyiae bio a enti wɔantumi annidi po.


Na ofii ase kyerɛkyerɛe bio mpoano; na nkurɔfokuw pii hyia baa ne nkyɛn, enti ɔkɔɔ ɔkorow mu kɔtenaa ase ɛpo no ani; na nkurɔfokuw no nyinaa wɔ mpoano asase no so.


Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ofii ase Galilea na ɔde abedu ha yi.


Na ɛbae sɛ nna no mu ofii adi kɔɔ bepɔw so mpaebɔ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae anadwo mu no nyinaa.


Na ɔne wɔn sianee no, obegyinaa baabi a ɛhɔ yɛ tamaa: Ɔne n’asuafo bebree ne nnipa pii a wofi Yudea nyinaa ne Yerusalem ne Tiro ne Sidon mpoano, a wɔbae sɛ wobetie no, na wasa wɔn yare,


Ebinom sɛ: Kristo no ni! Na ebinom nso bisae sɛ: Kristo no befi Galilea anaa?


Wobua see no sɛ: Gyama wo nso wufi Galilea? Hwehwɛ mu, na wubehu sɛ odiyifo bi nsɔree wɔ Galilea pɛn.


Na ntɛm ara anuanom no gyaa Paulo ne Silas kwan anadwo kɔɔ Beroia; na woduu hɔ no, wɔkɔɔ Yudafo hyiadan mu.


Enti ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano; na Silas ne Timoteo de, wɔtenaa hɔ.


Ɛnna woyiyii Kedes wɔ Galilea, Naftali bepɔw so, ne Sekem, Efraim bepɔw so, ne Kiriat-arba a ɛne Hebron wɔ Yuda bepɔw so.


ne Naftali abusuakuw mu: Nnipakumfo guankɔbea kurow Kedes a ɛwɔ Galilea ne ɛho mfikyisase, ne Hamot-dor ne ɛho asase, ne Kartan ne ɛho asase: Nkurow abiɛsa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios