Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 16:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na wɔn nso ba bɛka kyerɛɛ nkae no; na wɔnnye nso anni.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na wɔn nso ba bɛka kyerɛɛ nkaeɛ no; na wɔannye wɔn nso anni.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Akyiri no a wohuu onipa ko a ɔyɛ no, wotuu mmirika san baa Yerusalem, bɛka kyerɛɛ nkae no, nanso obiara annye wɔn anni.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na wɔn nso ba bɛka kyerɛɛ nkaeɛ no; na wɔannye wɔn nso anni.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Akyire no a wɔhunuu onipa ko a ɔyɛ no, wɔtuu mmirika sane baa Yerusalem, bɛka kyerɛɛ nkaeɛ no, nanso obiara annye wɔn anni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na wɔn nso ba bɛka kyerɛɛ nkae no; na wɔnnye nso anni.

Ver Capítulo Copiar




Marko 16:13
9 Referencias Cruzadas  

Na wohuu no no, wɔkotow sɔree no; na ebinom gyee akyinnye.


Na wɔn de wɔtee sɛ ɔte ase na wɔahu no no, wɔannye wɔn anni.


Akyiri no a dubiako no te adidii no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim, ogye a wonnye nni no ne wɔn komaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wohuu no sɛ wasɔre no anni nti.


Na osee no sɛ: Sɛ wɔantie Mose ne adiyifo no a, obi fi awufo mu sɔre mpo a, wɔrennye no nni.


Nanso wɔn nsɛm no yɛɛ wɔn sɛ nsɛnhunu, na wɔannye wɔn anni.


Na anigye nti wɔda so nnye nni na ɛyɛɛ wɔn nwonwa no, obisaa wɔn sɛ: Mowɔ aduan bi wɔ ha anaa?


Ɛnna asuafo no see no sɛ: Yɛahu Awurade. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ manhu ne nsam nnadewa no anan mu, na mamfa me nsatea manka nnadewa no anan mu, na mamfa me nsa manka ne nnadewa no anan mu a, minnye minni.


Ɛno na afei osuani biako a oduu ɔda no ho kan no nso hyɛn mu, na ohui, na ogye dii.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios