Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 15:43 - KYERƐW KRONKRON

43 Yosef a ofi Arimatea, baguani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

43 Yosef a ɔfiri Arimatea, ɔbadwani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no de akokoɔduro kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 baguani nuonyamfo bi a wɔfrɛ no Yosef, a ofi Arimatea a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no se, ɔmfa Yesu amu no mma no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

43 Yosef a ɔfiri Arimatea, ɔbadwani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no de akokoɔduro kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 ɔbadwani animuonyamfoɔ bi a, wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a, na ɔretwɛn ɛberɛ a Onyankopɔn Ahennie no bɛba no de akokoɔduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ, ɔmfa Yesu amu no mma no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Yosef a ofi Arimatea, baguani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.

Ver Capítulo Copiar




Marko 15:43
16 Referencias Cruzadas  

Na dɔn no ara mu, ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Nyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a wobegye Yerusalem no nyinaa.


Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi teɛ, osuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekye no, na Honhom Kronkron wɔ no so.


no de, wampene wɔn agyina ne wɔn nneyɛe no so. Ofi Yudafo kurow Arimatea mu, na ɔno ankasa nso retwɛn Nyankopɔn ahenni no.


Enti wɔn mu bebree gye dii, wɔne Helafo mmea a wɔwɔ din ne mmarima no mu fa kɛse ara.


Na eyinom akyi no, Yosef a ofi Arimatea a ɔyɛ Yesu suani, na Yudafo ho hu nti ɔyɛ no kokoam no bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma onyi Yesu amu no; na Pilato maa no ho kwan. Na ɔba beyii n’amu no.


Na eduu anwummere no, ɔdefo bi a ofi Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso adan Yesu suani bae;


na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani ato me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no a, wonsuro.


Na Yudafo no hwanyan mmea nyamesurofo a wɔwɔ din ne kurow no mu atitiriw, na wɔmaa ɔtaa baa Paulo ne Barnaba so, na wɔpam wɔn fii wɔn asase so.


Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no aban mu, na ɔne asomfo no kɔtenaa hɔ too gya.


Saa na akyikafo bedi kan, na adikanfo adi akyiri; (na wɔafrɛ bebree, nanso kakraa bi na wɔapaw wɔn).


Na adikanfo pii bedi akyiri, na akyikafo abedi kan.


Na Pilato adwene mu yɛɛ no naa, efisɛ onnim sɛ wawu ampa anaa; na ɔfrɛɛ asraafo ha so panyin no bisaa no sɛ owui akyɛ anaa?


Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔyɛ baguani na ɔyɛ onipa pa na ɔteɛ,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios