Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 15:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ofi afum retwam a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo n’agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ɔfiri afuom retwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Wɔrekɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɔkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ɔfiri afuom retwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Wɔrekɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɛkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ofi afum retwam a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo n’agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.

Ver Capítulo Copiar




Marko 15:21
12 Referencias Cruzadas  

Na wɔrefi adi no, wohuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa ɔsoaa n’asɛnnua no.


Na obiara a ɔbɛhyɛ wo sɛ wo ne no nnantew kwansin biako no, wo ne no nkɔ abien.


Na wowiee ne ho fɛwdi no, woyii atade kɔkɔɔ no, de n’ankasa atade hyɛɛ no. Na wɔde no kɔe sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.


Na obiara a ɔnsoa n’asɛnnua na onni m’akyi no, ontumi nyɛ me suani.


Na wɔde no rekɔ no, wosoo Simon, ɔbarima bi a ofi Kirene a ofi n’afum reba no mu, na wɔde asɛnnua no too no so sɛ ɔnsoa nni Yesu akyi.


Na ɔso n’asɛnnua fii adi koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa beae a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota.


Na wɔn mu binom nso a wɔyɛ Kiprofo ne Kirenefo baa Antiokia no, wɔkasa kaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ Helafo no.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifo ne akyerɛkyerɛfo bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetew no ne ɔmansinhene Herode bom, ne Saulo.


Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo,


Na nnipa bi a wofi hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodifo hyiadan ne Kirenefo ne Aleksandriafo ne wɔn a wofi Kilikia ne Asia sɔree, na wɔne Stefano gyee akyinnye,


Munkyia Rufo a wɔayi no Awurade mu, ne ne na a ɔyɛ me nso me na no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios