Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 12:13 - KYERƐW KRONKRON

13 Na wɔsomaa Farisifo ne Herodefo no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔsomaa Farisifo ne Herodefo bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na wɔsomaa Farisifo ne Herodefo no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm.

Ver Capítulo Copiar




Marko 12:13
12 Referencias Cruzadas  

Ahantanfo de afiri ne nhama ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma ɔkwankyɛn, wɔasum me apa. Sela


Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me afiri, na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛe ho asɛm, na wodwen nnaadaasɛm da mu nyinaa.


wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano, na wosum nea ɔteɛ nnipa so wɔ kurow pon mu no afiri, na wɔde asɛnhunu bi tu ɔtreneeni asɛm gu.


Na wɔkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara remfi ɔsɔfo nsa, na afotu rempa onyansafo anom, na asɛm remmɔ odiyifo. Mommra mma yɛmfa tɛkrɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Na Yesu see wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho!


Na wɔbae no, wosee no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo; na wonhwehwɛ biribi mfi obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ woyi tow ma Kaesare anaasɛ wonnyi? Yentua anaasɛ yenntua?


Na Farisifo no fii adi no, ntɛm ara wɔne Herodefo kotuu ne ho agyina sɛnea wobɛsɛe no.


Na Yesu see wɔn sɛ: Hwɛ, monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Herode mmɔkaw ho!


na wɔtɛw no hwehwɛe sɛ wobenya n’anom asɛm bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios