Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 11:25 - KYERƐW KRONKRON

25 Na sɛ mugyina hɔ rebɔ mpae, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso akyɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

25 Na sɛ mogyina hɔ rebɔ mpaeɛ, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomsoɔ akyɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Na sɛ morebɔ mpae a, nea edi kan no, sɛ mowɔ obi ho asɛm a momfa nkyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Na sɛ mogyina hɔ rebɔ mpaeɛ, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomsoɔ akyɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, deɛ ɛdi ɛkan no, sɛ mowɔ obi ho asɛm a, momfa nkyɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na sɛ mugyina hɔ rebɔ mpae, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso akyɛ mo.

Ver Capítulo Copiar




Marko 11:25
13 Referencias Cruzadas  

Na ɔma mihuu ɔsɔfopanyin Yosua sɛ ogyina Awurade bɔfo no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano.


Enti sɛ wode w’ayɛyɛde ba afɔremuka ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a,


na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛnea yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.


Na sɛ morebɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no; na wɔpɛ sɛ wogyina hyiadan mu ne mmɔnten twea so bɔ mpae, na nnipa ahu wɔn. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpae ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛnea nnipa a aka no te: Amimfo, nkontompofo, ayerefafo anaa mpo ɔtowgyeni yi mpo.


Na ɔtowgyeni no de ogyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ ɔsoro po, na mmom ɔbɔɔ ne koko kae sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛfo mmɔbɔ!


Nanso mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mummmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo.


Na momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa nkyekyɛ mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de kyɛɛ mo no.


Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mmoma mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea Awurade de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.


Na mmɔborohunu nni atemmu mu mma nea wanhu mmɔbɔ, na mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.


Eyinom ne ngodua abien ne akaneadua abien a egyinagyina asase wura anim no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios